1 Samuel
5 Ɛnna Filistifoɔ no faa nokorɛ Nyankopɔn adaka+ no, na wɔde firi Ebeneser kɔɔ Asdod.+ 2 Na Filistifoɔ no de nokorɛ Nyankopɔn adaka no kɔɔ Dagon fie, na wɔde kɔsii Dagon+ nkyɛn. 3 Na adeɛ kyeeɛ a Asdodfoɔ sɔree anɔpatutuutu no, na Dagon ahwe ase ama n’anim butu fam Yehowa adaka no anim.+ Enti wɔmaa Dagon so, na wɔsan de no sii ne sibea.+ 4 Na adeɛ kyeeɛ, da a ɛdi hɔ a wɔsɔree anɔpatutuutu no, hwɛ, na Dagon ahwe ase a n’anim butu fam Yehowa adaka no anim; ná Dagon ti ne n’abakɔn mmienu no atete gugu kwan ano.+ Ne kuntunsini a ɛte sɛ apataa no nko na ɛkaeɛ. 5 Ɛno nti na ɛde bɛsi nnɛ no, Dagon asɔfoɔ ne wɔn a wɔkɔ Dagon fie nyinaa ntia Dagon aponnwa a ɛwɔ Asdod no soɔ no.
6 Na Yehowa nsa+ yɛɛ den Asdodfoɔ so, na ɔmaa wɔn ho popoeɛ na ɔmaa kooko+ fifirii wɔn, kyerɛ sɛ Asdod ne ne mpɔtamu hɔfoɔ. 7 Berɛ a Asdodfoɔ bɛhunuu sɛ aba saa no, wɔkaa sɛ: “Mommma Israel Nyankopɔn adaka no nntena yɛn nkyɛn, ɛfiri sɛ ne nsa ayɛ den yɛne yɛn nyame Dagon so.”+ 8 Enti wɔsoma kɔboaboaa Filistifoɔ ahemfo no nyinaa ano baa wɔn nkyɛn, na wɔbisaa sɛ: “Ɛdeɛn na yɛnyɛ Israel Nyankopɔn adaka no?” Ɛnna wɔkaa sɛ: “Momfa Israel Nyankopɔn adaka no nkɔ Gat.”+ Enti wɔde Israel Nyankopɔn adaka no kɔɔ hɔ.
9 Wɔde kɔɔ hɔ no, ɛbaa sɛ Yehowa nsa+ baa kuro no so maa wɔn ho yeraa wɔn papaapa, na ɔbobɔɔ kurom hɔfoɔ, ɛfiri kumaa so kɔsi kɛseɛ so, na kooko+ fifirii wɔn. 10 Enti wɔde nokorɛ Nyankopɔn adaka no kɔɔ Ekron.+ Berɛ a nokorɛ Nyankopɔn adaka no duruu Ekron no, ɛhɔ ara na Ekronfoɔ no teateaam sɛ: “Wɔde Israel Nyankopɔn adaka no aba yɛn nkyɛn de rebɛkunkum yɛn ne yɛn man!”+ 11 Enti wɔsoma kɔboaboaa Filistifoɔ ahemfo no nyinaa ano, na wɔkaa sɛ: “Momfa Israel Nyankopɔn adaka no mfiri ha nsan nkɔsi ne sibea, na anku yɛn ne yɛn man.” Deɛ ɛteɛ ne sɛ, ná ahoyera a ɛkum nnipa asi kuro no mu nyinaa.+ Nokorɛ Nyankopɔn nsa yɛɛ den paa wɔ hɔ,+ 12 na kuro no mufoɔ a wɔanwuwuo no, kooko+ fifirii wɔn, na kuro no sufrɛ+ foro kɔduruu soro.