2 Na Ahasia firii ne dan a ɛwɔ Samaria no atifi+ tokuro mu bɛhwee fam,+ na ɛbɔɔ no yareɛ. Enti ɔsomaa abɔfoɔ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkɔbisa+ Ekron+ nyame Baal-Sebub+ mma me sɛ mɛfiri yareɛ yi mu afiri anaa.”+
8 Na mɛtwa deɛ ɔte Asdod+ no afiri hɔ na mayi deɛ ɔkura ahempoma no afiri Askelon;+ na mɛdane me nsa+ aba Ekron so,+ na Filistifoɔ a aka bɛyera,”+ Awurade Tumfoɔ Yehowa na aka.’