1 Samuel 4:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Onyankopɔn adaka no nso, wɔfaeɛ,+ na Eli mma mmienu no, Hofni ne Finehas, wuwuiɛ.+ 1 Samuel 4:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Na ɔbɔfoɔ no buaa sɛ: “Israel adwane Filistifoɔ anim, na ɔman no adi nkoguo kɛse;+ wo mma mmarima mmienu no, Hofni ne Finehas, awuwu,+ na nokorɛ Nyankopɔn adaka no nso, wɔafa.”+ Dwom 78:61 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 61 Ɔmaa n’ahoɔden no kɔɔ nkoasom mu;+N’ahoɔfɛ no, ɔde wɔn hyɛɛ atamfo nsa.+
17 Na ɔbɔfoɔ no buaa sɛ: “Israel adwane Filistifoɔ anim, na ɔman no adi nkoguo kɛse;+ wo mma mmarima mmienu no, Hofni ne Finehas, awuwu,+ na nokorɛ Nyankopɔn adaka no nso, wɔafa.”+