Hiob
32 Ɛnna mmarima mmiɛnsa yi gyaee sɛ wɔbɛma Hiob mmuaeɛ, ɛfiri sɛ na ɔtene ɔno ara n’ani so.+ 2 Na Busni+ Barakel a ɔfiri Ram abusua mu no ba Elihu bo fuu kɛse. Ne bo fuu Hiob sɛ wabu ne kra bem asene Onyankopɔn.+ 3 Ne nnamfo mmiɛnsa no nso, ne bo fuu wɔn sɛ wɔannya mmuaeɛ bi, na mmom wɔbuu Onyankopɔn fɔ.+ 4 Elihu de nsɛm twɛnee Hiob ɛfiri sɛ na wɔn nyinaa sene no panin.+ 5 Elihu hunuu sɛ mmuaeɛ biara nni mmarima mmiɛnsa no anom,+ na n’abufuo mu yɛɛ den. 6 Enti Busni Barakel ba Elihu buaa sɛ:
“Meyɛ abɔfra,
Na mo deɛ, moyɛ mpanimfoɔ.+
Ɛno nti na metwɛneeɛ ɛfiri sɛ na mesuro
Sɛ mɛka deɛ menim akyerɛ mo.
10 Ɛno nti mekaa sɛ, ‘Montie me.
Na me nso mɛka deɛ menim akyerɛ mo.’
12 Meyɛɛ asõ maa mo,
Nanso obiara nni hɔ a ɔyii Hiob ntɛn,
Na obiara nni hɔ a ɔmaa ne nsɛm no ho mmuaeɛ.
13 Enti monhwɛ na moanka sɛ, ‘Yɛahunu nyansa;+
Onyankopɔn na wabɔ n’asɛm aguo, na ɛnyɛ onipa.’
14 Ɔnkasa ntiaa me,
Enti meremfa mo nsɛm no bi mma no mmuaeɛ.
15 Moabɔ hu, montumi nkasa bio;
Mo anom nsɛm asa.
16 Metwɛneeɛ, nanso moankasa bio;
Mogyinaa hɔ dinn, na moanka hwee bio.