Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 1 Ahemfo 3:12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 hwɛ! mɛyɛ deɛ woaka no.+ Hwɛ! mɛma wo nyansa ne nteaseɛ akoma+ a obiara a ɔdii w’anim annya bi da, na w’akyi nso, obiara rensɔre a ɔbɛyɛ sɛ woɔ.+

  • 1 Ahemfo 4:29
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 29 Na Onyankopɔn kɔɔ so maa Solomon nyansa+ ne nteaseɛ+ pii ne nhunumu akoma+ sɛ mpoano anwea.+

  • Hiob 35:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Ɔno na ɔkyerɛkyerɛ+ yɛn sene asase so mmoa,+

      Na ɔma yɛhunu nyansa sene wiem nnomaa.

  • Mmebusɛm 2:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 Ɛfiri sɛ Yehowa na ɔma nyansa,+ na n’anom na nimdeɛ ne nhunumu fire.+

  • Ɔsɛnkafoɔ 2:26
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 26 Deɛ ɔyɛ onipa pa nokorɛ Nyankopɔn anim+ no, ɔma no nyansa ne nimdeɛ ne anigyeɛ,+ na ɔdebɔneyɛfoɔ deɛ, adwuma a ɔde ama no ne sɛ ɔmmoaboa ano mfa mma onipa pa no.+ Yei nso yɛ ahuhudeɛ ne adehunu akyiridie.+

  • Daniel 1:17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 Na mmerantewaa nnan yi, nokorɛ Nyankopɔn maa wɔn nwoma ne nyansa nyinaa mu nimdeɛ ne nhunumu,+ na Daniel nyaa anisoadehunu ne adaeɛ nyinaa mu nteaseɛ.+

  • Mateo 11:25
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 25 Saa berɛ no na Yesu kaa sɛ: “Agya, ɔsoro ne asase Wura, meyi wo ayɛ wɔ badwam, ɛfiri sɛ wode yeinom asie anyansafoɔ ne animdefoɔ na woayi no adi akyerɛ nkɔkoaa.+

  • Yakobo 1:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 Enti sɛ ɛka mo mu bi nyansa+ a, ma no nkɔ so ara mmisa Onyankopɔn+ ɛfiri sɛ ɔyi ne yam ma nnipa nyinaa adeɛ a ahohora biara nnim,+ na ɔde bɛma no.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane