Deuteronomium 6:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 ne afie a nnepa ayɛ mu mã a ɛnyɛ wo na wode baeɛ, ne mmura a wɔatuo a ɛnyɛ wo na wotuiɛ, ne bobeturo ne ngo nnua a ɛnyɛ wo na woduaeɛ ma wo, na wodidi mee+ a, Hiob 27:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Ɔbɛsiesie deɛ, nanso ɔteneneeni na ɔbɛhyɛ,+Na dwetɛ no, deɛ ne ho nni asɛm na ɔbɛdie. Mmebusɛm 13:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Onipa pa bɛgya agyapadeɛ ama ne mma mma, na ɔbɔnefoɔ ahonyadeɛ deɛ, wɔkora so ma ɔteneneeni.+ Mmebusɛm 28:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Deɛ ɔde mfɛntom+ ne nsiho nya ahodeɛ pii no boaboa ano ma deɛ ɔhu abrɛfoɔ mmɔbɔ.+
11 ne afie a nnepa ayɛ mu mã a ɛnyɛ wo na wode baeɛ, ne mmura a wɔatuo a ɛnyɛ wo na wotuiɛ, ne bobeturo ne ngo nnua a ɛnyɛ wo na woduaeɛ ma wo, na wodidi mee+ a,