1 Ahemfo
4 Ɔhene Solomon kɔɔ so dii Israel nyinaa so hene.+ 2 Na ne mpanimfoɔ+ din na ɛdidi soɔ yi: ná Sadok+ ba Asaria ne ɔsɔfoɔ; 3 Sisa mma Elihoref ne Ahiya yɛ atwerɛfoɔ;+ Ahilud ba Yehosafat+ ne ɔhene krakye; 4 Yehoiada ba Benaia+ na ɔda asraafoɔ no ano,+ na Sadok ne Abiatar+ yɛ asɔfoɔ; 5 Natan+ ba Asaria na ɔda akunini no ano, na Natan ba Sabud yɛ ɔsɔfoɔ ne ɔhene adamfo;+ 6 Ahisa ne fiepanin, na Abda ba Adoniram+ na ɔhwɛ apaafoɔ+ soɔ.
7 Ná Solomon wɔ akunini dumienu a wɔdeda Israel nyinaa ano, na wɔn na wɔmaa ɔhene ne ne fiefoɔ aduane. Wɔde hyɛɛ wɔn nsa sɛ obiara mfa aduane mmra bosome baako afe biara.+ 8 Wɔn din nie: Hur ba, ɔnyaa Efraim mmepɔ so nkuro;+ 9 Deker ba, ɔnyaa Makas ne Saalbim+ ne Bet-Semes+ ne Elon-Bet-Hanan; 10 Hesed ba, ɔnyaa Arubot (ná Soko ne Hefer+ asase nyinaa nso hyɛ ne nsa); 11 Abinadab ba, ɔnyaa Dor bepɔ so nkuro+ nyinaa (ɔwaree Solomon babaa Tafat); 12 Ahilud ba Baana, ɔnyaa Taanak+ ne Megido+ ne Bet-Sean+ nyinaa, baabi a ɛbɛn Saretan+ a ɛwɔ Yesreel+ aseɛ no, ɛfiri Bet-Sean kɔsi Abel-Mehola+ kɔsi Yokmeam+ mpɔtamu; 13 Geber ba, ɔnyaa Ramot-Gilead+ (ná Manase ba Yair+ nkuraa-nkuraa a ɛwowɔ Gilead+ no hyɛ ne nsa; ná Argob+ a ɛwɔ Basan+ no nso hyɛ ne nsa: nkuro akɛseɛ aduosia a ɛwɔ fasuo ne kɔbere mmeamu); 14 Ido ba Ahinadab, ɔnyaa Mahanaim;+ 15 Ahimahas, ɔnyaa Naftali+ (ɔno nso waree Solomon babaa Basemat);+ 16 Husai ba Baana, ɔnyaa Aser+ ne Bealot; 17 Parua ba Yehosafat, ɔnyaa Isakar;+ 18 Ela ba Simei,+ ɔnyaa Benyamin;+ 19 Uri ba Geber, ɔnyaa Gilead+ asase, Amorifoɔ hene+ Sihon+ asase, ne Basan hene+ Og+ deɛ; okunini baako na na ɔda akunini a wɔaka no nyinaa ano wɔ asase no soɔ.
20 Ná Yuda ne Israel dɔɔso, wɔn dodoɔ te sɛ mpoano anwea;+ wɔdidi nomeeɛ, na wɔdii ahurisie.+
21 Solomon dii ahennie nyinaa so, ɛfiri asubɔnten kɛseɛ+ no ho kɔsi Filistifoɔ asase so ne Egypt hyeɛ so. Nkurɔfoɔ de akyɛdeɛ brɛɛ Solomon, na wɔsom no ne nkwa nna nyinaa.+
22 Ná Solomon fie da koro aduane yɛ esiam muhumuhu kor+ aduasa ne esiam foforɔ biara kor aduosia, 23 anantwie akɛseɛ du ne anantwie a wɔkɔ adidi aduonu ne nnwan ɔha, aforoteɛ+ ne adowa+ ne awansane ne nnomaa a wɔadɔ da nkyɛn. 24 Na ɔdii biribiara a ɛwɔ asubɔnten kɛseɛ+ no fã ha so, ɛfiri Tifsa kɔsi Gasa,+ ne ahemfo a wɔwɔ asubɔnten kɛseɛ no fã ha nyinaa;+ ɔnyaa asomdwoeɛ+ n’ahennie nyinaa mu wɔ afã nyinaa. 25 Na Solomon nna nyinaa mu no, Yuda+ ne Israel tenaa hɔ dwoodwoo,+ obiara tenaa ne bobe ne ne borɔdɔma ase,+ ɛfiri Dan kɔsi Beer-Seba.+
26 Na Solomon nyaa apɔnkɔdan+ mpem aduanan maa ne nteaseɛnam,+ ne apɔnkɔsotefoɔ mpem dumienu.
27 Na akunini+ yi maa Ɔhene Solomon ne obiara a ɔtena Ɔhene Solomon pono ho aduane, obiara ne bosome a ɔde ne deɛ ba. Wɔamma biribiara anka mu. 28 Na wɔde atokoɔ ne ɛserɛ brɛɛ apɔnkɔ no ne apɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare+ no; wɔde kɔɔ baabiara a ɛhia, sɛdeɛ obiara adwuma teɛ.+
29 Na Onyankopɔn kɔɔ so maa Solomon nyansa+ ne nteaseɛ+ pii ne nhunumu akoma+ sɛ mpoano anwea.+ 30 Ná Solomon nyansa dɔɔso+ sene Apueeɛ Famfoɔ+ nyinaa nyansa ne Egypt nyansa+ nyinaa. 31 Ná ɔnim nyansa sene onipa biara; ɔsene Esrahini Etan+ ne Mahol mma Heman+ ne Kalkol+ ne Darda. Ne din hyetaa aman a atwa hɔ ahyia nyinaa mu.+ 32 Ɔtumi buu mmɛ+ mpem mmiɛnsa, na ne nnwom+ yɛ apem ne nnum. 33 Ɔkaa nnua ho asɛm, ɛfiri Lebanon ntweneduro+ so kɔsi sommɛ+ a ɛfifi dan ho so; ɔkaa mmoa+ ne nnomaa+ ne mmoa a wɔwea+ ne mpataa+ ho asɛm. 34 Nkurɔfoɔ firi amanaman so bɛtiee Solomon nyansa;+ wɔfiri asase so ahemfo a wɔtee ne nyansa+ no nyinaa nkyɛn baeɛ.