Genesis 1:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Na Onyankopɔn kaa sɛ: “Akra+ a ɛte aseɛ nhyɛ nsuo mu mã na ntuboa nso ntu mfa asase so wɔ wiem.”+ Hiob 12:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Wo deɛ, bisa afieboa, na wɔbɛkyerɛ wo;+Ɛne wiem nnomaa, na wɔbɛka akyerɛ wo.+ Mmebusɛm 7:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 kɔsii sɛ agyan hwiree ne mmerɛboɔ mu,+ sɛdeɛ anomaa tu mmirika kɔtɔ fidie mu;+ ɔnnim sɛ ne kra na ɔde reto asiane mu.+ Mmebusɛm 30:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 ɔkɔdeɛ kwan wɔ wiem, ɔwɔ kwan wɔ abotan so, ɛhyɛn kwan wɔ ɛpo so,+ ne ɔbarima kwan wɔ ababaa ho.+
23 kɔsii sɛ agyan hwiree ne mmerɛboɔ mu,+ sɛdeɛ anomaa tu mmirika kɔtɔ fidie mu;+ ɔnnim sɛ ne kra na ɔde reto asiane mu.+