12 Ɛnna Hiob buaa sɛ:
2 “Ampa ara, mo na moyɛ nnipa;
Mowu a na nyansa asa!+
3 Me nso m’akoma mu te+ te sɛ mo.
Monkyɛn me;+
Hwan na ɔnnim nneɛma a ɛtete saa?
4 Mayɛ obi a ne yɔnko di ne ho fɛ,+
Deɛ ɔsu frɛ Onyankopɔn sɛ ɔnnye ne soɔ.+
Wɔdi ɔteneneeni a ne ho nni asɛm ho fɛ.
5 Deɛ n’asom adwo no deɛ, ɔbu amanehunu animtia ne tirim;+
Ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔhinhim.+
6 Ɔsɛefoɔ ntomadan wɔ hɔ dwoodwoo,+
Na wɔn a wɔhyɛ Onyankopɔn abufuo wɔ ahobammɔ
Te sɛ obi a ɔkura onyame bi wɔ ne nsam.+
7 Wo deɛ, bisa afieboa, na wɔbɛkyerɛ wo;+
Ɛne wiem nnomaa, na wɔbɛka akyerɛ wo.+
8 Anaasɛ dane w’ani hwɛ asase, na ɛbɛkyerɛ wo;+
Na ɛpo mu mpataa+ bɛka akyerɛ wo.
9 Wɔn mu hwan na ɔnnim
Sɛ Yehowa nsa na ayɛ yei,+
10 Deɛ ɔteasefoɔ biara kra+
Ne ɔhonam nyinaa honhom+ wɔ ne nsam no?
11 Ɛnyɛ asõ na ɛsɔ nsɛm hwɛ+
Sɛdeɛ dodom+ ka aduane hwɛ no?
12 Nyansa nni nkɔkoraa mu anaa,+
Na nteaseɛ nni onyinkyerɛ mu?
13 Ɔno na nyansa ne kɛseyɛ wɔ no;+
Na afotuo ne nteaseɛ yɛ ne dea.+
14 Hwɛ! Ɔno na ɔbubu a obi ntumi nsie;+
Ɔto mu wɔ nipa anim, na obi ntumi mmue.+
15 Hwɛ! Ɔsi nsuo kwan, na ɛwe;+
Ɔsoma no, na ɛsesã asase.+
16 Ɔno na ahoɔden ne nyansa wɔ no;+
Na deɛ ɔdi mfomsoɔ ne deɛ ɔdaadaa nyinaa yɛ ne dea;+
17 Ɔma afotufoɔ de wɔn nan gu fam nante,+
Na ɔma atemmufoɔ di abɔdansɛm.
18 Ɔsanesane ahemfo nkyehoma,+
Na ɔde abɔsoɔ kyekyere wɔn asene.
19 Ɔma asɔfoɔ de wɔn nan gu fam nante,+
Na ɔtutu nnipa a wɔn ase atim gu;+
20 Ɔma anokwafoɔ nsɛm ka wɔn anom,
Na ɔyi nkɔkoraa nyansa firi hɔ;
21 Ɔhwie animtiabuo gu atitire so,+
Na ɔhodwo atumfoɔ abɔsoɔ mu;
22 Ɔyi deɛ emu dɔ adi firi sum mu,+
Na ɔma hann tɔ esum kabii so;
23 Ɔma aman yɛ akɛseɛ, na ɔsɛe wɔn;+
Ɔtrɛ aman mu, na ɔtu wɔn kɔ;
24 Ɔgye asase so aman mu atitire nimdeɛ,
Na ɔma wɔkyinkyini deɛ hwee nnie,+ baabi a ɛkwan biara nnie.
25 Wɔde wɔn tiri pempem esum mu,+ baabi a hann nnie,
Na ɔma wɔkyinkyini sɛ ɔsabofoɔ.+