13 “Hwɛ! Yei nyinaa m’ani ahunu,
M’aso nso ate, na madwene ho.
2 Deɛ monim no, me nso menim bi;
Monkyɛn me.+
3 Nanso, me deɛ, mepɛ sɛ anka adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no mmom na me ne no kasa;+
Onyankopɔn na anka m’ani bɛgye sɛ me ne no bɛyiyi nsɛm ano.
4 Mo deɛ, mode nkontompo hura nkurɔfoɔ din ho;+
Mo nyinaa moyɛ ayaresafoɔ hunu.+
5 Sɛ mobɛmua mo ano a,
Anka ɛbɛyɛ nyansa ama mo!+
6 Mesrɛ mo, montie m’anoyie,+
Na monyɛ aso mma m’ano asɛm.
7 Mobɛka deɛ ɛntene ama Onyankopɔn anaa,
Na mobɛka nnaadaasɛm ama no?+
8 Mode animhwɛ bɛdi ama no,+
Anaasɛ mobɛtwe manso ama nokorɛ Nyankopɔn no?
9 Sɛ ɔhwehwɛ mo mu a, ɛbɛsi mo yie nie?+
Anaasɛ mobɛdaadaa no sɛdeɛ wɔdaadaa onipa dasani?
10 Sɛ mobɔ mmɔden sɛ mobɛyɛ animhwɛ+ ahuntaeɛ mu a,
Ka na ɔbɛka mo anim;+
11 N’animuonyam kɛkɛ remma mommɔ birim anaa,
Na ne ho hu rentɔ mo so?+
12 Mo nkaesɛm yɛ nsõ mmebusɛm;
Mo akyɛm te sɛ dɔteɛ+ akyɛm.
13 Monyɛ komm wɔ m’anim, na menkasa.
Deɛ ɛbɛba me soɔ biara mmra!
14 Adɛn nti na memfa me honam nhyɛ me sẽ mu,
Na memfa me kra nto me nsam?+
15 Sɛ ɔreku me mpo a, merentwɛn anaa?+
Nanso mɛgyina n’anim ne no ayiyi nsɛm ano wɔ m’akwan ho.
16 Ɔno nso na ɔbɛyɛ me nkwagyeɛ,+
Ɛfiri sɛ ɔwaefoɔ biara rentumi nnyina n’anim.+
17 Montie me nsɛm yi yie,+
Na momma m’anom nsɛm nkɔ mo asom.
18 Hwɛ! Mede m’asɛm ama asɛnniiɛ;+
Menim nso sɛ m’asɛm yɛ dɛ.
19 Hwan na ɔne me bɛdi asie?+
Sɛ memua m’ano a, anka owuo na mɛwuo!
20 Nneɛma mmienu pɛ na yɛ ma me;
Ɛno na meremfa me ho nhunta woɔ;+
21 Yi wo nsa firi me so kɔ akyirikyiri,
Na wo ho hu nso—mma no nnhunahuna me.+
22 Ɛbɛyɛ a, kasa na menyi ano;
Anaa ma menkasa, na wo mmom yi ano.
23 Mfomsoɔ bɛn na madie, na bɔne bɛn na mayɛ?
Ma menhunu me mmarato ne me bɔne.
24 Adɛn nti na wode w’anim ahunta+
Na wobu me sɛ wo tamfo?+
25 Ahahan a mframa na ɛbɔ no na wobɛma no ahinhim,
Anaa buronan a awoɔ akyi na wobɛdie?
26 Wotwerɛtwerɛ me ho nsɛm yayaaya,+
Na woma me mmeranteberɛ mu mfomsoɔ ba me so.+
27 Wode me nan nso bɔ nnua mu,+
Na w’ani di m’akwan nyinaa akyi;
Wo na woatwitwa ahyeɛ ama m’anammɔn.
28 Nanso onipa yi te sɛ adeɛ a aporɔ ateteɛ;+
Ɔte sɛ atadeɛ a nweweboaa asɛe no.+