Hiob
13 “Ampa, m’ani ahunu wei nyinaa,
M’aso ate, na mate aseɛ.
2 Deɛ monim no, me nso menim;
Monkyɛn me.
3 Me deɛ, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no ankasa na mepɛ sɛ me ne no kasa;
Onyankopɔn na mepɛ sɛ meyi m’ano wɔ n’anim.+
6 Mepa mo kyɛw, montie m’anoyie,
Na montie m’ano asɛm.
7 Mobɛka asɛm a ɛnyɛ nokorɛ ahyɛ Onyankopɔn ano anaa?
Anaa mobɛka nnaadaasɛm wɔ Onyankopɔn din mu?
9 Sɛ ɔhwehwɛ mo mu a, mohwɛ a ɛbɛsi mo yie?+
Anaa mobɛdaadaa no sɛdeɛ modaadaa onipa dasani no?
11 N’animuonyam kɛkɛ remma monsuro anaa?
Na ne ho hu rentɔ mo so?
13 Monka mo ano ntom wɔ m’anim na menkasa,
Na deɛ ɛbɛba me so biara mmra!
17 Montie m’asɛm yi yie;
Monyɛ aso ntie m’ano asɛm.
18 Hwɛ, seesei maboaboa m’asɛm ano rekɔ asɛnnibea;
Menim sɛ medi bem.
19 Hwan na ɔne me bɛdi asie?
Sɛ memua m’ano a, anka mɛwu!*
20 O, Onyankopɔn, nneɛma mmienu pɛ na mepɛ sɛ woyɛ ma me,
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a meremfa me ho nsie wo:
22 Ɛbɛyɛ a, kasa ma menyi ano,
Anaa ma menkasa, na wo yi ano.
23 Mfomsoɔ bɛn na madie, na bɔne bɛn na mayɛ?
Ma menhunu me mmarato ne me bɔne.
26 Ɛfiri sɛ daa wotwerɛtwerɛ me ho nsɛm yayaaya,
Na woma metua bɔne a meyɛɛ no me mmeranteberɛm no ho ka.
27 Wode me nan abɔ dua mu,
W’ani di m’akwan nyinaa akyi,
Na baabi a mede me nan si biara, wohyɛ hɔ nso.