14 “Onipa a ɔbaa awo no,
Ne nkwa nna yɛ tia,+ na ɔhaw ahyɛ mu ma.+
2 Ɔpue sɛ nhwiren, na ɔkusã;+
Ɔdwane sɛ sunsum, na ɔyera.+
3 Nanso wode w’ani asi ne so,
Na wode no akɔgyina asɛnnibea.+
4 Hwan na ɔbɛtumi anya deɛ ne ho teɛ afiri deɛ ne ho nteɛ mu?+
Obiara nni hɔ!
5 Na sɛ wɔahyɛ ne nna ato hɔ a,
Bosome dodoɔ a ɔbɛdi wɔ wo nsam;
Woatwa ɛhyeɛ ama no na wantra.+
6 Yi w’ani firi ne so na ɔnnya home,
Kɔsi sɛ ɔbɛwie n’adwuma te sɛ ɔpaani.+
7 Dua mpo, anidasoɔ wɔ hɔ ma no.
Sɛ wɔtwa a, ɛbɛsan afefɛ bio,
Na deɛ afefɛ no bɛkɔ so anyini.
8 Sɛ ne nhini twintwam wɔ fam,
Na ne dunsini wu wɔ dɔteɛ mu,
9 Na ɛnya te nsuo nka pɛ a, na afefɛ,
Na ɛyiyi nkorabata te sɛ dua foforɔ.
10 Nanso sɛ onipa wu a, ɔnkeka ne ho;
Na sɛ onipa wu a, ɛhe na ɔwɔ?+
11 Nsuo firi ɛpo mu kɔ;
Asubɔnten twe, na ɛwe.
12 Onipa nso kɔda, na ɔnsɔre.+
Berɛ a ɔsoro wɔ hɔ yi deɛ, ɔrensɔre,
Na ɔrennyane mfiri ne nna mu.+
13 O, menyae a anka wode me asie Adamena mu,+
Anka wode me asie akɔsi sɛ w’abufuo bɛtwam,
Menyae a, anka woahyɛ me da a wode bɛkae me!+
14 Sɛ onipa wu a, ɔbɛtena ase bio anaa?+
Berɛ a meda so wɔ nkoasom mu yi deɛ, mɛtwɛn
Akɔsi sɛ mɛnya ahotɔ.+
15 Wobɛfrɛ, na mɛgye wo so.+
W’ani bɛgyina wo nsa ano adwuma.
16 Nanso seesei deɛ, anammɔn a mɛtu biara, wokan;
Me bɔne nko ara na wohwɛ.
17 Wode me mmarato ahyɛ kotokuo mu akyekyere ano,
Na wode gluu atare me mfomsoɔ ano.
18 Sɛdeɛ bepɔ dwiri gu na ɛfiri hɔ,
Na ɔbotan tutu firi baabi a ɛsi,
19 Sɛdeɛ nsuo ma aboɔ hi,
Na nsuo yiri hohoro asaase so dɔteɛ kɔ no,
Saa ara na wosɛe onipa dasani anidasoɔ.
20 Wode w’ahoɔden bu fa ne so kɔsi sɛ ɔbɛwuo;+
Wosakra sɛdeɛ ɔteɛ, na wopia n’atikɔ.
21 Sɛ wɔhyɛ ne mma animuonyam a, ɔnhunu;
Wɔbrɛ wɔn ase nso a, ɔnhunu.+
22 Berɛ a ɔte ase nko ara na ɔte yea;
Na berɛ a ɔda so te ase nko ara na ɔdi awerɛhoɔ.”