Hiob
15 Ɛnna Elifas+ a ɔfiri Teman no kaa sɛ:
3 Sɛ wode nsɛm nko ara kasa kyerɛ yɛn a, ɛrenkɔsi hwee,
Na mfasoɔ biara nni kasa hunu so.
4 Wobu Onyankopɔn suro animtia,
Na woma ɛyɛ den ma nkurɔfoɔ sɛ wɔbɛdwene Onyankopɔn ho.
7 Adɛn, wone onipa a wɔdii kan woo no?
Anaa wɔwoo wo ansa na nkokoɔ reba?
8 Adɛn, Onyankopɔn ka ne tirim asɛm kyerɛ wo?
Anaa ɛyɛ wo sɛ wo nko ara na wonim nyansa?
Na nteaseɛ bɛn na wowɔ a yɛnni bi?
11 Adɛn, Onyankopɔn awerɛkyekyerɛ sua ma wo?
Anaa asɛm a yɛne wo ka no bɔkɔɔ no sua ma wo?
12 Adɛn nti na wodi w’akoma akyi?
Na adɛn nti na abufuo ama w’ani ayɛ kɔɔ saa?
17 Mɛka akyerɛ wo; tie me!
Deɛ mahunu no, mɛka akyerɛ wo.
18 Deɛ anyansafoɔ te firii wɔn papanom hɔ a wɔde ato dwa+
A wɔamfa ansie no, mɛka akyerɛ wo.
19 Wɔn nko ara na wɔde asaase no maa wɔn,
Na hɔhoɔ biara antwam amfa wɔn mu.
20 Ɔbɔnefoɔ fa ateetee mu ne nna nyinaa;
Otirimuɔdenfoɔ hunu amane ne nkwa nna nyinaa.
23 Ɔnenam hwehwɛ aduane.* Na ɔbisa sɛ, ɛhe na ɛwɔ?
Ɔnim paa sɛ esum da no abɛn.
24 Amanehunu ne ahoyera hunahuna no daa;
Ɛbu fa ne so te sɛ ɔhene a wayɛ krado rekɔko.
25 Ɛfiri sɛ ɔma ne nsa so tia Onyankopɔn,
Na ɔyɛ ne ho sɛ ɔkorɔn sene adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no;
26 Ɔyɛ aniammɔnho de ne kyɛm pipiripie* a ɛyɛ den no
Kɔ ne so;
27 N’afono nyinaa atotɔ,
Na n’afuru ayɛ kɛse;
28 Nkuro a ɛbɛsɛe na ɔbɛtena mu;
Afie a obiara rentena mu
A ɛbɛdane aboɔ asum hɔ na ɔbɛtena mu.
29 Ɔrennya ne ho, na n’ahodeɛ rennɔɔso,
Na n’agyapadeɛ rentrɛ wɔ asaase so.
31 Ɛnsɛ sɛ ɔfom kwan na ɔde ne werɛ hyɛ adehunu mu,
Ɛfiri sɛ adehunu na ɔbɛnya afiri mu;
32 Ɛrenkyɛ na aba ne so.
Na ne nkorabata renyɛ frɔmfrɔm da.+
33 Ɔbɛyɛ sɛ bobe dua a ɛporo n’aba bunu gu,
Na wayɛ sɛ ngodua a ɛporo ne nhyerɛnee gu.
35 Wɔnyinsɛn bɔne na wɔwo mmusuo,
Na nnaadaa ahyɛ wɔn yafunu ma.”