15 Ɛnna Elifas a ɔfiri Teman no buaa sɛ:
2 “Onyansafoɔ de nimdeɛ hunu bɛbua nsɛm?+
Anaasɛ ɔde apueeɛ mframa bɛhyɛ ne yam?+
3 Animka nsɛm renkɔsi hwee,
Na mfasoɔ biara remma nsɛnkeka hunu so.
4 Wo deɛ, woma Onyankopɔn anim suro mu go,
Na wobrɛ Onyankopɔn ho nsusuiɛ ase.
5 Wo mfomsoɔ na ɛkyerɛ w’ano kwan,
Na anitefoɔ kɛtrɛma na woafa.
6 W’ano na ɛbu wo fɔ, na ɛnyɛ me a;
Na wo ara w’ano na ɛdi tia woɔ.+
7 Wone onipa a wɔdii kan woo no?+
Anaasɛ ansa na nkokoɔ reba no,+ na wɔawo wo?
8 Onyankopɔn ne wo di atirimusɛm anaa,+
Na ɛyɛ wo sɛ wo nko ara wone onyansafoɔ?
9 Ɛdeɛn koraa na wonim a yɛn nso yɛnnim?+
Na nteaseɛ bɛn na wowɔ a yɛnni bie?
10 Deɛ wafu dwono ne akɔkoraa wɔ yɛn mu,+
Deɛ wanyini sene wo papa mpo.
11 Onyankopɔn awerɛkyekyerɛ na ɛsua w’ani soɔ,
Anaa asɛm a wɔne wo ka no bɔkɔɔ no?
12 Adɛn nti na w’akoma ahoran,
Na adɛn na w’ani so ayɛ hyeɛ?
13 Onyankopɔn na wodane wo honhom tia no,
Na woma nsɛm puepue firi w’anom.
14 Ɔdasani ne hwan na ne ho ate,+
Na deɛ ɔbaa awo no ne hwan na watene?
15 Hwɛ! N’akronkronfoɔ mpo, ɔnni wɔn mu gyidie,+
Na ɔsoro nso, ɛho nte n’ani so.+
16 Na deɛ ɔyɛ akyiwadeɛ na waporɔ deɛ, ɔbɛbu no sɛn,+
Onipa a ɔnom amumuyɔ sɛ nsuo!
17 Mɛpae mu aka akyerɛ wo. Tie me!+
Yei na mahunu, enti ma menka,
18 Mɛka deɛ anyansafoɔ+ de wɔn ano aka
A wɔamfa ansie, deɛ wɔte firii wɔn papanom hɔ no.
19 Wɔn nko ara na wɔde asase no maa wɔn,
Na ɔhɔhoɔ biara antwam wɔn mu.
20 Ɔdebɔneyɛfoɔ hunu aninyanneɛ ne nna nyinaa,
Mfeɛ dodoɔ a wɔde asie ama otirimuɔdenfoɔ no.
21 Ɔte akomatusɛm n’asom;
Asomdwoeɛ berɛ mu na ɔsɛefoɔ ba ne soɔ.+
22 Ɔnnye nni sɛ ɔbɛfiri sum mu afiri,+
Na nkrantɛ wɔ hɔ ma no.
23 Ɔnenam hwehwɛ aduane—ɛhe na ɛwɔ?+
Ɔnim sɛ esum da+ abɛn no.
24 Ahohia ne ahoyera na ɛhunahuna no;+
Ɛto hyɛ ne so sɛ ɔhene a wayɛ krado rekɔko.
25 Ɛfiri sɛ ɔtene ne nsa tia Onyankopɔn,
Na ɔyɛ ne ho sɛ ɔkorɔn sene adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no;+
26 Ɔsene ne kɔn ne no di asie;
Ɔde n’akyɛm akyi apɔapɔ no;
27 Ɔde sradeɛ kata n’anim
Na ɔma n’asene dɔ sradeɛ,+
28 Nkuro a ɛbɛyera mu na ɔtena,
Afie a nnipa rentena mu daa
A ɛbɛdane aboɔ kuo.
29 Ɔrennya ne ho, na n’ahodeɛ rennɔɔso,
Na ɔrentrɛ n’agyapadeɛ mu asase so.+
30 Ɔremfiri sum mu;
Gyaframa bɛma ne nnuban akyenkyene,
Na N’anom mframa bɛpra no akɔ.+
31 Mma no nnnya ahuhudeɛ mu gyidie na annaadaa no,
Ɛfiri sɛ ahuhudeɛ ara na ɔbɛnya afiri mu;
32 Ne berɛ renso na aba mu.
Na ne duforɔ renyɛ frɔmfrɔm.+
33 Ɔbɛporo n’aba bunu agu sɛ bobe,
Na watwa ne nhwiren agu sɛ ngodua.
34 Ɛfiri sɛ awaefoɔ adwabɔ renso aba,+
Na egya na ɛbɛhye adanmudeɛgyefoɔ ntomadan.+
35 Wɔnyinsɛn bɔne na wɔwo mmusuo,+
Na wɔn yafunu na ɛsiesie nnaadaa.”