16 Ɛnna Hiob kaa sɛ:
2 “Mate nsɛm a ɛtete sei bebree.
Mo nyinaa moyɛ gyamserefoɔ!+
3 Nsɛnkeka hunu nni awieeɛ anaa?+
Na ɛdeɛn na ɛpiapia mo ma mobua nsɛm?
4 Me nso mɛtumi akasa sɛ mo.
Sɛ mo kra wɔ faako a me kra wɔ a,
Enti anka mɛka nsɛnkɛseɛ saa atia mo,+
Na anka mɛwoso me ti agu mo so?+
5 Anka mede m’anom nsɛm bɛhyɛ mo den mmom,+
Na anka m’anom awerɛkyekyesɛm bɛdwodwo mo yea—.
6 Sɛ mekasa a, me yea no nnyae,+
Na mankasa nso a, ɛdeɛn na ɛbɛfiri me ho akorɔ?
7 Nanso seesei deɛ, wahyɛ me brɛ;+
Wama wɔn a wɔne me hyia nyinaa ayera.
8 Woayere me, na abɛyɛ adanseɛ;+
M’ahohia na ɛdi tia me. Ɛdi adanseɛ m’anim.
9 N’abufuo atete me pasapasa, na ɔde me ho asɛm ahyɛ ne mu.+
Ɔtwɛre ne sẽ gu me so.+
Me tamfo apɔkyere n’ani hwɛ me.+
10 Wɔabue wɔn anom hoo hwɛ me,+
Wɔde ahohorabɔ abɔ me sotorɔ,
Wɔaboaboa wɔn ano bebree atu aba me so.+
11 Onyankopɔn ayi me ahyɛ mmarimaa nsa,
Na wapia m’atikɔ ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa.+
12 Ná mete hɔ dwoodwoo, nanso ɔwosoo me;+
Ɔsɔɔ me kɔn akyi, na ɔbubuu me pasaa;
Watu n’ani asi me so.
13 N’agyantofoɔ+ twa me ho hyia;
Ɔhwire m’asaabo+ mu a ɔnhu me mmɔbɔ;
Ɔhwie me bɔnwoma gu fam.
14 Mayɛ sɛ fasuo a ɔde nkakrankakra tutu mu ntokuro.
Ɔto ba me so sɛ dɔmmarima.+
15 Mapam atweaatam+ akata me ho,
Na mato m’animuonyam agu dɔteɛ mu.+
16 Esũ ama m’anim ayɛ kɔɔ,+
Na sum kabii akata m’ani akyi,+
17 Nanso bɔne biara nni me nsam,
Na me mpaebɔ nso ho te.+
18 O asase, nkata me mogya so!+
Na mma me sufrɛ nnnya atenaeɛ!
19 Afei nso, hwɛ! deɛ ɔredi me ho adanseɛ no te soro,
Na me danseni wɔ sorosoro.+
20 Me nnamfo ayɛ akasamafoɔ atia me;+
Onyankopɔn na m’ani siri pɛ twɛn no.+
21 Asɛm a wɔbɛbua yi yɛ ɔbarima ne Onyankopɔn ntam asɛm,
Te sɛ onipa ba ne ne yɔnko ntam deɛ pɛpɛɛpɛ.+
22 Na me mfeɛ kakraa bi na aka
Na makɔ kwan a merensan mma bio.+