Hiob 7:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Sɛdeɛ mununkum twam korɔ no,Saa na deɛ ɔsiane kɔ Adamena* mu no rensan mma bio.+ Hiob 14:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Nanso sɛ ɔbarima wu a, ɔnkeka ne ho;Na sɛ ɔdasani gyaa mu a, na ɔwɔ he?+ Ɔsɛnkafoɔ 12:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Ɔsuro deɛ ɛwɔ soro, na kwan mu yɛ no hu. Ɔsonkoran dua gu nhyerɛnee,+ na abɛbɛ twe ne ho ase; n’anom nyɛ no dɛ bio,* ɛfiri sɛ onipa ani kyerɛ ne homebea,+ na asũfoɔ di akɔneaba abɔnten so;+
5 Ɔsuro deɛ ɛwɔ soro, na kwan mu yɛ no hu. Ɔsonkoran dua gu nhyerɛnee,+ na abɛbɛ twe ne ho ase; n’anom nyɛ no dɛ bio,* ɛfiri sɛ onipa ani kyerɛ ne homebea,+ na asũfoɔ di akɔneaba abɔnten so;+