28 Mommma wei nnyɛ mo nwanwa, ɛfiri sɛ berɛ no reba a wɔn a wɔwɔ nkaeɛ ada mu nyinaa bɛte ne nne,+29 na wɔapue. Wɔn a wɔyɛɛ papa no bɛkɔ nkwa wusɔreɛ mu, na wɔn a wɔyɛɛ akyiwadeɛ no akɔ atemmuo wusɔreɛ mu.+
43 Berɛ a ɔkaa saa no, ɔde nne kɛseɛ teaam sɛ: “Lasaro, pue bra!”+44 Ɛnna ɔbarima a wawu no pue baeɛ. Ná wɔde ntoma akyekyere ne nan ne ne nsa, na na wɔde ntoma bi akyekyere n’anim. Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsane no, na momma no nkɔ.”