Hiob
12 Ɛnna Hiob kaa sɛ:
Monkyɛn me.
Hwan na ɔnnim saa nneɛma yi?
Ɔteneneeni a ne ho nni asɛm no ho ayɛ sere.
5 Deɛ n’asom adwo no no deɛ, ɔsere wɔn a wɔhunu amane;
N’adwene nyinaa ne sɛ, wɔn a wɔhinhim* no na wɔhunu amane.
6 Akorɔmfo-werɛmfoɔ ntomadan wɔ hɔ dwoodwoo,+
Na wɔn a wɔhyɛ Onyankopɔn abufuo no wɔ ahobammɔ,+
Wɔn a wɔkura wɔn nyame wɔ wɔn nsam no.
7 Wo deɛ, mepa wo kyɛw, bisa mmoa, na wɔbɛkyerɛ wo;
Bisa wiem nnomaa, na wɔbɛka akyerɛ wo.
9 Wɔn mu hwan na ɔnnim sɛ
Yehowa nsa na ayɛ wei?
16 Ɔno na ahoɔden ne nyansa wɔ no;+
Ɔno na deɛ ɔrefom kwan ne deɛ ɔma nkurɔfoɔ fom kwan nyinaa yɛ ne dea;
17 Ɔma afotufoɔ de wɔn nan sisi fam nante,*
Na ɔma atemmufoɔ dane nkwaseafoɔ.+
19 Ɔma asɔfoɔ de wɔn nan sisi fam nante,+
Na ɔtu atumfoɔ a wɔn ase atim gu;+
20 Ɔma afotufoɔ anokwafoɔ nsɛm ka wɔn anom,
Na ɔgye nkɔkoraa* nyansa;
Na ɔma atumfoɔ tumi brɛ ase;*
22 Nneɛma a asie wɔ sum mu no, ɔyi pue,+
Na ɔma hann tɔ esum kabii so;
23 Ɔma aman yɛ akɛseɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛsɛe wɔn;
Ɔma aman trɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛtu wɔn afiri wɔn asaase so akɔ.