Hiob 36:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Nokwasɛm nie, Onyankopɔn yɛ otumfoɔ,+ na ɔmpo onipa biara;Ne nteaseɛ* mu dɔ. Dwom 147:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Yɛn Awurade yɛ kɛseɛ na ne tumi so;+Yɛrentumi nhwehwɛ ne nteaseɛ mu nwie.+ Yesaia 40:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Hwan na ɔne no tuu agyina ansa na ɔrete biribi ase,Anaa ɔkyerɛ no atɛntenenee kwan,Anaa ɔkyerɛ no nimdeɛ,Anaa ɔma no hunu nteaseɛ kwan ankasa?+ Yeremia 10:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asaase,Na ɔde ne nyansa maa asaase tim hɔ;+Ɔno na ɔde ne nhunumu trɛɛ ɔsoro mu.+ Romafoɔ 11:34 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 34 Na “hwan na ɔnim Yehowa* adwene, anaasɛ hwan na ɔyɛ ne fotufoɔ?”+
14 Hwan na ɔne no tuu agyina ansa na ɔrete biribi ase,Anaa ɔkyerɛ no atɛntenenee kwan,Anaa ɔkyerɛ no nimdeɛ,Anaa ɔma no hunu nteaseɛ kwan ankasa?+
12 Ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asaase,Na ɔde ne nyansa maa asaase tim hɔ;+Ɔno na ɔde ne nhunumu trɛɛ ɔsoro mu.+