Hiob
11 Ɛnna Sofar+ a ɔfiri Naama no kaa sɛ:
3 Wogye di sɛ wo kasa hunu yi bɛma nnipa aka wɔn ano atom anaa?
Nsɛm a woreka twi yɛn no, ɛyɛ wo sɛ obiara renka w’anim wɔ ho anaa?+
6 Anka ɔbɛka nyansa adeɛ ɛbɛma woahunu kyerɛ wo,
Ɛfiri sɛ nyansa ho nneɛma dɔɔso.
Ɛhɔ na wobɛhunu sɛ Onyankopɔn abu n’ani agu wo mfomsoɔ no bi so.
7 Wobɛtumi ahunu Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no anaa?
Anaa wobɛtumi ahunu adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no ho biribiara?*
8 Ɛkorɔn sene ɔsoro. Ɛdeɛn na wobɛtumi ayɛ?
Emu dɔ sene Adamena.* Ɛdeɛn na wobɛtumi ahunu?
9 Ɛware sene asaase,
Na ɛtrɛ sene ɛpo.
10 Sɛ ɔretwam na ɔkye obi, na ɔde no kɔ asɛnnibea a,
Hwan na ɔbɛtumi asi no kwan?
11 Ɛfiri sɛ sɛ mmarima redaadaa nkurɔfoɔ a, ɔhunu.
Sɛ ɔhunu adebɔne a, ɔrenhunu anaa?
13 Wo deɛ, yɛ w’akoma yie
Na trɛ wo nsam kyerɛ no;
15 Ɛba saa a, wobɛtumi ama w’ani so a woremfɛre;
Na wobɛgyina pintinn a worensuro.
16 Ɛbɛma wo werɛ afi wo haw;
Wobɛkae no sɛ nsuo a abɛsene kɔ.
17 Wo nkwa bɛhyerɛn asene sɛdeɛ awia hyerɛn awia ketee;
Na ne sum mpo bɛyɛ sɛ adekyeeɛ.
18 Wobɛnya awerɛhyɛmu ɛfiri sɛ anidasoɔ wɔ hɔ.
Wobɛhwɛ wo ho nneɛma ahyia, na wobɛda dwoodwoo.
19 Wobɛda, na obiara renhunahuna wo.
Na nnipa bebree bɛba wo nkyɛn sɛ yɛ wɔn adom.