Hiob
Mɛka me haw.
M’amanehunu mu* na mɛka m’asɛm!
2 Mɛka akyerɛ Onyankopɔn sɛ: ‘Mmu me fɔ.
Kyerɛ me deɛ enti a wo ne me redie.
3 Enti woreteetee me yi, ɛyɛ ma wo?
Na wo nsa ano adwuma a womfa no nyɛ hwee yi, ɛyɛ?+
Abɔnefoɔ afotuo mmom na wopɛ?
4 Adɛn, w’ani yɛ onipa ani?
Anaa sɛdeɛ onipa dasani hunu adeɛ no, saa ara na wohu no?
5 Wo nna te sɛ ɔdasani nna anaa?
Anaa wo mfeɛ te sɛ nnipa mfeɛ?+
6 Ɛnneɛ adɛn nti na wohwehwɛ me ho mfomsoɔ,
Na wokɔ so hwehwɛ bɔne wɔ me ho?+
8 Wo ara wo nsa na ɛnwenee me; ɛno ara nso na ɛyɛɛ me.+
Nanso seesei wonya a wobɛsɛe me afiri hɔ koraa.
10 Woanhwie me te sɛ nufosuo angu me maame yam anaa?*
Na woamma manyɛ sɛ nufosuo a ada ama adane kyiis anaa?
13 Nanso wohyɛɛ da bɔɔ me ho pɔ sɛ wode saa nneɛma yi bɛyɛ me.*
Menim sɛ saa nneɛma yi firi wo.
15 Sɛ medi fɔ a, asɛm ato me!
17 Wode adansefoɔ foforɔ ba bɛdi adanseɛ tia me,
Na woma w’abufuo yɛ kɛse wɔ me so;
Amanehunu baako ba a, na amanehunu foforɔ di so.
18 Enti ɛyɛɛ dɛn koraa na woyii me firii me maame yam baeɛ?+
Menyae a anka mewuiɛ, na ani biara anhu me.
19 Anka ɛbɛyɛ sɛ deɛ mamma wiase koraa.
Anka berɛ a wɔyii me firii yafunu mu ara pɛ, wɔde me bɛkɔ adamena mu.’