13 Wo na woyɛɛ m’asaabo;
Wode me siee me maame yam.+
14 Mɛyi wo ayɛ ɛfiri sɛ sɛdeɛ woyɛɛ me no yɛ hu na ɛyɛ nwanwa.+
Wo nnwuma yɛ nwanwa,+
Na menim wei paa.
15 Me nnompe anhinta wo
Berɛ a woyɛɛ me ahintaeɛ mu;
Berɛ a wonwenee me asaase yam tɔnn no.+
16 Meyɛ mogyatoa mpo no, w’ani huu me;
Berɛ a wɔnwenee m’akwaa nyinaa no, wɔtwerɛɛ ho asɛm
Wɔ wo nwoma mu
Ansa na emu biara mpo reba.