10 Me nkwa yɛ me kra abofono.+
Mɛpae mu aka me haw.
Mɛkasa me kra awerɛhoɔ mu!
2 Mɛka akyerɛ Onyankopɔn sɛ, ‘Mmu me fɔ.
Ma menhunu deɛ enti a wo ne me redie.
3 Ɛyɛ ma wo sɛ wobɛyɛ bɔne?+
Na ɛyɛ sɛ wobɛpo wo nsa ano adwuma+ a wobrɛ yɛeɛ
Na wode wo hann ato nnebɔneyɛfoɔ agyinatuo soɔ anaa?
4 W’ani+ yɛ onipa ani?
Anaa sɛdeɛ ɔdasani hunu adeɛ na wohunu?+
5 Wo nna te sɛ ɔdasani nna?+
Anaa wo mfeɛ te sɛ ɔbarima nna?
6 Adɛn nti na wohwehwɛ me mfomsoɔ
Na wokɔ so hwehwɛ me bɔne+
7 Berɛ a wonim sɛ menyɛɛ bɔne,+
Na obiara nni hɔ a ɔbɛgye me afiri wo nsam?+
8 Wo nsa na ɛnwenee me, na ɛno na ɛyɛɛ me;+
Ɛyɛɛ me ho biribiara, nanso worepɛ me amene me.
9 Mesrɛ wo, kae sɛ dɔteɛ+ na wode yɛɛ me,
Na dɔteɛ mu na wobɛma masan akorɔ.+
10 Woanhwie me sɛ nufosuo?
Na woamma manyɛ sɛ nufosuo a ada?+
11 Wode wedeɛ ne honam duraa me ho,
Na wode nnompe ne ntini nwenee me boom.+
12 Womaa me nkwa, na woyɛɛ me adɔeɛ;+
Wohwɛɛ me,+ na wokoraa me honhom so.
13 Nanso wode yeinom nyinaa ahunta w’akomam.
Menim sɛ yeinom nyinaa wɔ w’adwenem.
14 Sɛ mayɛ bɔne, na woahu me+
Na sɛ woamfa me mfomsoɔ amfiri me,+
15 Sɛ medi fɔ a, mennue!+
Na sɛ m’asɛm yɛ dɛ nso a, meremma me tiri so,+
Ɛfiri sɛ animguaseɛ amee me, na amanehunu+ amene me.
16 Sɛ mema me ho so+ a, wobɛtaa me sɛ gyataforɔ,+
Na wobɛyɛ anwanwadeɛ wɔ me so bio.
17 Wode w’adansefoɔ foforɔ bɛba m’anim,
Na woama w’abufuo ayɛ kɛseɛ me so;
Amanehunu abɔ amanehunu so wɔ me so.
18 Ɛyɛɛ dɛn koraa na woyii me firii awotwaa mu baeɛ?+
Anka ma menwu na ani biara anhu me;
19 Anka meyɛɛ sɛ deɛ mamma koraa;
Mefirii yafunu mu no, anka ɛsɛ sɛ wɔde me kɔ damena mu.’
20 Me nna nyɛ kakraa bi?+ Ma no nnyaa me,
Ma no nyi n’ani mfiri me so, na me ho nsane me+ kakra
21 Ansa na makɔ a merensan mma bio+—
Mɛkɔ sum asase so ne esum kabii mu,+
22 Mɛkɔ asase kusuu so, esum kabii mu
Ne sakasaka asase so, baabi a ɛhɔ hann yɛ kusuu.”