Numeri 11:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Sɛ saa na wo ne me bɛdi a, ɛnneɛ mesrɛ wo, sɛ manya w’anim adom a, ku me prɛko ma no nsa+ na m’ani anhunu m’ahoyera.” 1 Ahemfo 19:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Na ɔde n’ani kyerɛɛ serɛ so twaa da koro kwan, na ɔkɔtenaa sisia dua bi ase.+ Afei ɔsrɛɛ sɛ ne kra nwu, na ɔkaa sɛ: “Afei deɛ, mabrɛ! O Yehowa, gye me kra firi me nsam,+ na menyɛ mensene m’agyanom.” Hiob 7:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Mapo nkwa;+ merentena ase bio da.Gyaa me, na me nna yɛ huruhuro.+ Yona 4:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Afei Yehowa, gye me kra+ firi me nsam, na ɛyɛ sɛ mɛwuo sene sɛ mɛtena aseɛ.”+ Romafoɔ 8:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Na wɔde abɔdeɛ no ahyɛ adehunu ase+ a ɛnyɛ ɔno ara ne pɛ so, na mmom ɛnam deɛ ɔde hyɛɛ aseɛ no so, anidasoɔ mu,+
15 Sɛ saa na wo ne me bɛdi a, ɛnneɛ mesrɛ wo, sɛ manya w’anim adom a, ku me prɛko ma no nsa+ na m’ani anhunu m’ahoyera.”
4 Na ɔde n’ani kyerɛɛ serɛ so twaa da koro kwan, na ɔkɔtenaa sisia dua bi ase.+ Afei ɔsrɛɛ sɛ ne kra nwu, na ɔkaa sɛ: “Afei deɛ, mabrɛ! O Yehowa, gye me kra firi me nsam,+ na menyɛ mensene m’agyanom.”
20 Na wɔde abɔdeɛ no ahyɛ adehunu ase+ a ɛnyɛ ɔno ara ne pɛ so, na mmom ɛnam deɛ ɔde hyɛɛ aseɛ no so, anidasoɔ mu,+