9 Ɛnna Hiob buaa sɛ:
2 “Ampa ara menim sɛ saa na ɛteɛ.
Ɛbɛyɛ dɛn na onipa dasani atumi ne Onyankopɔn adi asɛm adi bem?+
3 Sɛ ɔyɛ n’adwene sɛ ɔne no bɛyiyi nsɛm ano a,+
Ɔrentumi mmua nsɛmmisa apem mu baako mpo.
4 Ɔyɛ akoma mu nyansafoɔ ne tumi mu ɔhoɔdenfoɔ.+
Hwan na ɔbɛtumi ate ne so atua na asi no yie?+
5 Ɔtutu mmepɔ+ berɛ a nnipa nhunu;
Ɔtutu gu wɔ n’abufuo mu.+
6 Ɔma asase woso firi ne sibea,
Na ne nnyinasoɔ+ hinhim.
7 Ɔkasa kyerɛ awia, na ɛmmɔ,
Na ɔkata nsoromma ani;+
8 Ɔno ara trɛ ɔsoro mu hata hɔ,+
Na ɔtiatia ɛpo asorɔkye so.+
9 Ɔno na wayɛ Ayis nsorommakuo, Kesil nsorommakuo,
Ne Kima nsorommakuo+ ne Anafoɔ fam mpia no;
10 Wayɛ nneɛma akɛseɛ a ɛnni hwehwɛbea,+
Ne anwanwadeɛ a ɛnni ano.+
11 Hwɛ! Ɔtwa me ho a menhu no,
Na ɔsene a menhunu sɛ ɛyɛ ɔno a.+
12 Hwɛ! Ɔhwim kɔ. Na hwan na ɔbɛtumi asi no kwan?
Hwan na ɔbɛka akyerɛ no sɛ, ‘Ɛdeɛn na woreyɛ yi?’+
13 Onyankopɔn deɛ, ɔrensianka n’abufuo;+
Aniɛdenfoɔ+ aboafoɔ bɛkoto no.
14 Mene hwan a mɛbua no!
Mɛhwɛ me kasa yie ne ho,+
15 Na m’asɛm yɛ dɛ deɛ, nanso merenyi ano.+
Anka deɛ me ne no wɔ asɛm no, mɛkoto asrɛ no.+
16 Sɛ mefrɛ no a, ɔbɛgye me so anaa?+
Mennye nni sɛ ɔbɛyɛ aso atie me nne;
17 Ɔno na ɔde ahum apirapira me
Na wama m’akuro adɔɔso kwa.+
18 Ɔremma mennya ahome foforɔ,+
Ɛfiri sɛ wama deɛ ɛyɛ ya amee me.
19 Sɛ otumfoɔ bi wɔ ahoɔden a, ɔne no;+
O sɛ anka ɔtemmufoɔ a ɔyɛ den bi wɔ hɔ ɛ, anka ɔfrɛɛ m’asɛm!
20 Sɛ m’asɛm yɛ dɛ a, anka me ara m’ano na ɛbɛbu me fɔ;
Sɛ me ho nni asɛm a, anka ɔbɛbu me kɔntɔnkyeni.
21 Sɛ me ho nni asɛm a, anka mennim me kra;
Anka mɛpo me nkwa.
22 Adeɛ baako wɔ hɔ. Ɛno nti na mereka sɛ,
‘Deɛ ne ho nni asɛm ne ɔdebɔneyɛfoɔ nyinaa, ɔde wɔn reba wɔn awieeɛ.’+
23 Sɛ nsuo yiri bu fa so kum nnipa mpofirem a,
Ɔbɛsere wɔn a wɔdi bem no amanehunu.
24 Asase mpo, ɔde ahyɛ ɔbɔnefoɔ nsa;+
Ɔkata ɛso atemmufoɔ anim.
Sɛ ɛnyɛ ɔno a, ɛnneɛ ɛyɛ hwan?
25 Me nna twam ntɛm sene mmirikatufoɔ;+
Ɛdwane kɔ, na ɛrenhunu adepa.
26 Ɛsene kɔ sɛ demmire akodoɔ,
Ne ɔkɔdeɛ a ɔtu di akɔneaba pɛ deɛ ɔbɛdie.+
27 Sɛ meka sɛ, ‘Mɛma me werɛ afiri me haw,+
Mɛsesa m’anim+ na mayɛ hyɛnn’ a,
28 Me yea nyinaa bɔ me hu;+
Menim sɛ woremmu me bem.
29 Mɛdi fɔ ara.
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mebrɛ guo?+
30 Sɛ mede sukyerɛmma nsuo dware,
Na mede samina+ hohoro me nsa mpo a,
31 Wode me bɛhyɛ amena mu,
Na me ho ayɛ me ntadeɛ tan.
32 Ɛfiri sɛ ɔnyɛ onipa+ te sɛ me na me ne no ayiyi nsɛm ano,
Anaa me ne no adi asɛm.
33 Obiara nni hɔ a ɔbɛdi yɛn ntam asɛm+
Na ɔde ne nsa agu yɛn mmienu soɔ.
34 Ma no nyi n’abaa mfiri me so,+
Na ne ho hu nso, mma ɛnnhunahuna me.
35 Ma menkasa, mma mennsuro no,
Ɛfiri sɛ ɛnyɛ saa na meteɛ wɔ me mu.