8 Ɛnna Bildad a ɔfiri Suha+ no kaa sɛ:
2 “Wobɛkeka nsɛm yi akɔsi da bɛn,+
Berɛ a w’anom nsɛm nyɛ hwee sɛ mframa+ a ano yɛ den yi?
3 Onyankopɔn bɛkyea atemmuo,+
Na adeɛ nyinaa so Tumfoɔ bɛkyea atɛntenenee anaa?+
4 Sɛ wo mma ayɛ no bɔne a,
Wɔn atuateɛ so aba na wama wɔatwa.
5 Sɛ wo ara wobɛhwehwɛ Onyankopɔn,+
Na woahwehwɛ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ anim adom a,
6 Sɛ woyɛ obi a ne ho teɛ na ɔtene+ a,
Anka sɛsɛɛ wasɔre agyina ama wo,
Na wasan ama woanya wo tenenee tenabea.
7 Anka wo mfitiaseɛ bɛyɛ ade ketewa deɛ,
Nanso w’awieeɛ bɛyɛ kokuroo.+
8 Wo deɛ, bisa awoɔ ntoatoasoɔ a abɛsene korɔ no,+
Na pɛɛpɛɛ deɛ wɔn papanom hwehwɛ hunuiɛ no mu.+
9 Yɛn deɛ, ɛnnora yi ara na yɛbaeɛ,+ na yɛnnim hwee,
Ɛfiri sɛ yɛn nna wɔ asase yi so yɛ sunsum.+
10 Ɛnyɛ wɔn na wɔbɛkyerɛkyerɛ woɔ na wɔaka akyerɛ woɔ?
Na wɔrenyiyi nsɛm mfiri wɔn akomam anaa?
11 Mmɛwa+ bɛtumi anyini yie baabi a ɔwora nnie?
Demmire bɛtumi ayɛ kɛse deɛ nsuo nnie?
12 Berɛ a ɛnnya nguu nhyerɛnee na wɔnnya ntwaeɛ no,
Ɛwo gya ɛserɛ a aka nyinaa.+
13 Saa na wɔn a wɔn werɛ firi Onyankopɔn no nyinaa akwan teɛ,+
Na ɔwaefoɔ deɛ, n’anidasoɔ bɛyera;+
14 Wɔtwa n’ahotɔsoɔ firi hɔ,
Na n’awerɛhyem yɛ ananse ntentan.+
15 Ɔbɛtwere ne dan, nanso ɛrennyina;
Ɔbɛsɔ mu, nanso ɛrenni gyina.
16 Nsuo ayɛ no mã wɔ awia mu,
Na ne mman atrɛtrɛ wɔ ne turo mu.+
17 Ne nhini wurawura aboɔ kuo mu,
N’ani hunu aboɔ dan.
18 Sɛ wɔmene no firi ne tenabea+ a,
Ɛbɛpo no, na aka akyerɛ no sɛ, ‘Menhunuu wo da.’+
19 Hwɛ! Saa na ne kwan bɛsɛeɛ;+
Na mfuturo mu na afoforɔ bɛfifire.
20 Hwɛ! Onyankopɔn rempo obiara a ne ho nni asɛm,
Na adebɔneyɛfoɔ nso, ɔrensɔ wɔn nsa;
21 Ɔde sereɛ bɛhyɛ w’anom ma,
Na wama w’ano abɔ ose.
22 Aniwuo na wɔde bɛfira wɔn a wɔtane woɔ,+
Na nnebɔneyɛfoɔ ntomadan bɛfiri hɔ.”