Hiob
8 Ɛnna Bildad+ a ɔfiri Suha+ no kaa sɛ:
2 “Wobɛkeka saa nsɛm yi akɔsi da bɛn?+
W’anom nsɛm te sɛ mframa a ano yɛ den!
3 Wohwɛ a, Onyankopɔn bɛkyea atemmuo?
Na adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no bɛkyea atɛntenenee anaa?
4 Sɛ wo mma no yɛɛ no bɔne a,
Wɔn atuateɛ ho asotwe na ɔde ama wɔn no.*
5 Sɛ wode w’ani to Onyankopɔn so,+
Na wosrɛ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no sɛ ɔnhu wo mmɔbɔ,
6 Sɛ ɛyɛ ampa ara sɛ woyɛ obi a wo ho teɛ na wotene a,+
Anka watwa n’ani abɛhwɛ wo,*
Na wama woasan asi wo dada mu.
8 Mepa wo kyɛw, bisa awoɔ ntoatoasoɔ a abɛsene kɔ no,
Na ma nneɛma a wɔn papanom hwehwɛ hunuiɛ no ho nhia wo.+
9 Yɛn deɛ, ɛnnora yi ara na wɔwoo yɛn, na yɛnnim hwee,
Ɛfiri sɛ yɛn nna wɔ asaase yi so te sɛ sunsum.
11 Wohwɛ a, sɛ mmɛwa* annya asaase a nsuo taa so* a, ɛbɛtumi anyini ayɛ tenten?
Demmire* bɛtumi anyini ayɛ tenten wɔ baabi a nsuo nni anaa?
13 Saa na ɛbɛwie wɔn a wɔn werɛ afi Onyankopɔn no nyinaa,*
Ɛfiri sɛ abɔnefoɔ* anidasoɔ bɛyera,
14 Wɔde wɔn ho to adehunu so,
Na adeɛ a wɔde wɔn werɛ hyɛ mu no, ɛyɛ mmerɛ te sɛ ananse ntentan.*
15 Ɔbɛtwere ne dan, nanso ɛrennyina;
Ɔbɛsɔ mu dendeenden, nanso ɛrennyina.
18 Nanso sɛ wɔtu no firi baabi a ɛsi a,
Baabi a na ɛsi no bɛka sɛ ɛnnim no, na aka akyerɛ no sɛ, ‘Menhuu wo da.’+
20 Wɔn a wɔn abrabɔ di mu* no, ɛnyɛ adeɛ a Onyankopɔn bɛpo wɔn da,
Na abɔnefoɔ nso, ɔremmoa wɔn da,*
21 Ɔde sereɛ bɛhyɛ w’anom ma,
Na wama wode w’ano abɔ ose.
22 W’atamfo bɛfira animguaseɛ sɛ ntoma,
Na abɔnefoɔ ntomadan bɛfiri hɔ.”