Hiob
9 Ɛnna Hiob kaa sɛ:
2 “Ampa ara, menim sɛ saa na ɛteɛ.
Nanso ɛbɛyɛ dɛn na onipa dasani atumi ne Onyankopɔn adi asɛm na wadi bem?+
4 Ɔyɛ akoma mu nyansafoɔ, na ne tumi ne n’ahoɔden nni ano.+
Hwan na ɔbɛtumi ne no adi asie na asi no yie?+
7 Ɔkasa kyerɛ awia sɛ ɛmmmɔ,
Na ɔkata nsoromma ani na anhyerɛn;+
8 Ɔno nko ara na ɔtrɛ ɔsoro mu,+
Na ɔtiatia ɛpo asorɔkye akɛseɛ so.+
9 Ɔno na ɔyɛɛ Ayis nsorommakuo,* Kesil nsorommakuo,* ne Kima nsorommakuo,*+
Na ɔno na ɔyɛɛ nsorommakuo a ɛwɔ anaafoɔ fam wiem no;*
11 Ɔnam me ho a, menhu no;
Ɔtwa mu wɔ me ho a, menhu sɛ ɛyɛ ɔno a.
12 Sɛ ɔhwim biribi a, hwan na ɔbɛtumi asi no kwan?
Hwan na ɔbɛtumi aka akyerɛ no sɛ, ‘Deɛn na woreyɛ yi?’+
14 Ɛnneɛ sɛ merema no mmuaeɛ a,
Ɛsɛ sɛ mehwɛ me kasa yie paa!
15 Sɛ m’asɛm yɛ dɛ mpo a, meremma no mmuaeɛ.+
Deɛ mɛtumi ayɛ ara ne sɛ mɛpa me temmufoɔ* no kyɛw sɛ ɔnhu me mmɔbɔ.
16 Sɛ mefrɛ no a, ɔbɛgye me so anaa?
18 Ɔmma mennya home mpo;
Nneɛma a ɛyɛ ya nko ara na ɔde puapua me.
19 Yɛreka ahoɔden a, ɔno ne otumfoɔ.+
Na yɛreka atɛntenenee a, n’asɛm ne sɛ: ‘Hwan na ɔbɛtumi afrɛ me sɛ memmɛyi m’ano?’
20 Sɛ medi bem mpo a, anka me ankasa m’ano na ɛbɛbu me fɔ;
22 Ne nyinaa, ade korɔ yi ara. Ɛno nti na mereka sɛ,
‘Ɔsɛe deɛ ne ho nni asɛm* ne ɔbɔnefoɔ nyinaa fra.’
23 Sɛ nsuo yiri bu fa so kum nnipa mpofirim a,
Ɔbɛsere wɔn a wɔn ho nni asɛm no, amanehunu a ato wɔn no nti.
Sɛ ɛnyɛ ɔno a, ɛnneɛ ɛyɛ hwan?
27 Sɛ meka sɛ, ‘Mɛma me werɛ afi me haw,
Mɛte m’anim, na mama m’ani agye’ a,
Enti adɛn nti na ɛsɛ sɛ mebrɛ guo?+
30 Sɛ mede sukyerɛmma a anane ayɛ sɛ nsuo dware,
Na mede samina* hohoro me nsa mpo a,+
31 Anka wode me bɛwura amena a atɛkyɛ wom mu,
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a me ho bɛyɛ me ntaadeɛ mpo tan.
35 Ɛnneɛ me ne no bɛkasa a merensuro no,
Ɛfiri sɛ menyɛ obi a ɔde ehu kasa.