Genesis 2:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Yehowa Nyankopɔn de fam dɔteɛ+ nwenee onipa na ɔhuu nkwa home guu ne hwene mu,+ na onipa no bɛyɛɛ ɔteasefoɔ.*+ Yesaia 45:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Deɛ ɔne ne Yɛfoɔ* di asie* no nnue,Ɛfiri sɛ ɔyɛ kukuo sini kɛkɛA ɛka kukuo asinasini foforɔ a ɛgu fam ho! Wohwɛ a, ɛsɛ sɛ dɔteɛ ka kyerɛ ne Nwemfoɔ* sɛ: “Deɛn na woreyɛ yi?”+ Anaa ɛsɛ sɛ w’adwuma ka sɛ: “Wonni nsa”?* Yesaia 64:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Afei, O Yehowa, wone yɛn Agya.+ Yɛyɛ dɔteɛ, na wone yɛn Nwemfoɔ;*+Yɛn nyinaa yɛ wo nsa ano adwuma. Romafoɔ 9:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Adɛn? Ɔnwemfoɔ nni dɔteɛ so tumi+ sɛ ɔde dɔtetoa* koro no ara bɛnwene kukuo baako a ɛho wɔ nyam, na wanwene foforɔ nso a ɛho nni nyam anaa?
7 Yehowa Nyankopɔn de fam dɔteɛ+ nwenee onipa na ɔhuu nkwa home guu ne hwene mu,+ na onipa no bɛyɛɛ ɔteasefoɔ.*+
9 Deɛ ɔne ne Yɛfoɔ* di asie* no nnue,Ɛfiri sɛ ɔyɛ kukuo sini kɛkɛA ɛka kukuo asinasini foforɔ a ɛgu fam ho! Wohwɛ a, ɛsɛ sɛ dɔteɛ ka kyerɛ ne Nwemfoɔ* sɛ: “Deɛn na woreyɛ yi?”+ Anaa ɛsɛ sɛ w’adwuma ka sɛ: “Wonni nsa”?*
21 Adɛn? Ɔnwemfoɔ nni dɔteɛ so tumi+ sɛ ɔde dɔtetoa* koro no ara bɛnwene kukuo baako a ɛho wɔ nyam, na wanwene foforɔ nso a ɛho nni nyam anaa?