Hiob 21:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Adɛn nti koraa na abɔnefoɔ kɔ so tena aseɛ,+Wɔnyini kyɛ, na wɔnya wɔn ho kɛse?+ Dwom 37:35 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 35 Mahunu ɔdebɔneyɛfoɔ wɔ tumi kɛseɛ mu,+Na ɔdendanee sɛ dua a anya baabi pa asi ayɛ frɔmm.+ Dwom 73:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Hwɛ! Saa na nnebɔneyɛfoɔ a wɔte hɔ dwoodwoo daa no teɛ.+Wɔanya ahodeɛ pii.+ Yeremia 12:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 O Yehowa, sɛ meka m’asɛm kyerɛ wo a, wobu atɛn wɔ tenenee mu.+ Sɛ mede me nsɛm dan wo a, wodi ma me. Adɛn nti na abɔnefoɔ kwan si wɔn yie+ na nkontompofoɔ nyinaa nso ho dwo wɔn?
12 O Yehowa, sɛ meka m’asɛm kyerɛ wo a, wobu atɛn wɔ tenenee mu.+ Sɛ mede me nsɛm dan wo a, wodi ma me. Adɛn nti na abɔnefoɔ kwan si wɔn yie+ na nkontompofoɔ nyinaa nso ho dwo wɔn?