16 Nanso ɔnhwɛ yie na n’ani ammere apɔnkɔ pii+ na ɛnsɛ sɛ ɔma nkurɔfoɔ no san kɔ Egypt kɔpɛ apɔnkɔ pii,+ ɛfiri sɛ Yehowa aka akyerɛ mo sɛ, ‘Monnsan nnkɔfa kwan yi so bio.’
4 Na Dawid ko gyee apɔnkɔsotefoɔ apem ahanson ne mmarima mpem aduonu a wɔnam fam+ firii ne nsam. Ɛnna Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ+ no nyinaa nantin ntini,+ na ɔgyaa nteaseɛnam apɔnkɔ no mu ɔha.
17 Ná wɔtɔ nteaseɛnam a wɔde firi Egypt baeɛ no biara nnwetɛbena ahansia, na wɔtɔ pɔnkɔ biara nso nnwetɛbena ɔha aduonum. Saa na Hitifoɔ ahemfo ne Siria ahemfo yɛeɛ.+ Wɔnam adwadifoɔ no so na ɛkraeɛ.