Daniel
1 Yuda hene Yehoiakim+ ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, Babilon hene Nebukadnesar baa Yerusalem, na ɔbɛtwaa ho hyiaeɛ.+ 2 Berɛ bi akyi no, Yehowa de Yuda hene Yehoiakim ne nokorɛ Nyankopɔn fie anwenneɛ+ no bi hyɛɛ ne nsa,+ na ɔde kɔɔ ne nyame fie wɔ Sinar+ asase so, na ɔde anwenneɛ no kɔguu ne nyame adekoradan mu.+
3 Na ɔhene ka kyerɛɛ n’ahemfie panin+ Aspenas sɛ ɔmfa Israelfoɔ no bi ne ahemfo asefoɔ ne adehyeɛ+ no bi mmra, 4 mmerantewaa a wɔn ho nni dɛm+ biara na wɔn ho yɛ fɛ, wɔwɔ nyansa+ nyinaa mu nteaseɛ, wɔwɔ nimdeɛ ne nhunumu,+ a wɔbɛtumi agyina ɔhene anim,+ na ɔnkyerɛ wɔn mma wɔnsua Kaldeafoɔ nwoma ne wɔn kasa. 5 Afei nso ɔhene hyɛɛ sɛ wɔmma wɔn ɔhene nnuane+ ne ne nsã a ɔnom no bi da biara, na wɔnhwɛ wɔn mfeɛ mmiɛnsa, na ɛno akyi no wɔmmɛgyina ɔhene anim.
6 Wɔn mu bi a wɔfiri Yudafoɔ mu ne Daniel,+ Hanania, Misael ne Asaria.+ 7 Na ahemfie panin no totoo wɔn din.+ Ɔtoo Daniel din Beltesasar,+ ɔtoo Hanania din Sadrak, ɔtoo Misael din Mesak, na ɔtoo Asaria din Abednego.+
8 Na Daniel suaee n’akomam sɛ ɔremfa ɔhene nnuane ne ne nsã a ɔnom no ngu ne ho fĩ,+ enti ɔsrɛɛ ahemfie panin no daa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔrengu ne ho fĩ.+ 9 Na nokorɛ Nyankopɔn maa Daniel nyaa ahemfie panin no anim adɔeɛ ne mmɔborɔhunu.+ 10 Na ahemfie panin no ka kyerɛɛ Daniel sɛ: “Mesuro me wura ɔhene a wayi aduane ne nsã ama mo no.+ Adɛn nti na mopɛ sɛ ɔhunu sɛ mo anim ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ sene mo atipɛnfoɔ mmerantewaa no? Na adɛn nti na moreyɛ ama me tiri atõ ɔhene anim yi?” 11 Ɛnna Daniel ka kyerɛɛ ɔpanin a ahemfie panin+ no de no asi Daniel, Hanania, Misael ne Asaria soɔ no sɛ: 12 “Yɛsrɛ wo, sɔ wo nkoa hwɛ dadu, na ma wɔmma yɛn afuomduane+ nni ne nsuo nnom, 13 na hwɛ yɛn ne mmerantewaa a wɔdi ahennuane no anim, na sɛdeɛ wobɛhu no no, wo ne wo nkoa nni no saa.”
14 Ɛnna ɔpenee deɛ wɔkaeɛ no so, na ɔsɔɔ wɔn hwɛɛ dadu. 15 Dadu no soeɛ no, wɔhunuu sɛ wɔn anim ayɛ fɛ na wɔayeyɛ akɛse sene mmerantewaa a wɔdii ahennuane no nyinaa.+ 16 Enti ɔpanin a ɔhwɛ wɔn no yii wɔn ahennuane ne nsã a wɔbɛnom no firii hɔ, na ɔmaa wɔn afuomduane+ daa. 17 Na mmerantewaa nnan yi, nokorɛ Nyankopɔn maa wɔn nwoma ne nyansa nyinaa mu nimdeɛ ne nhunumu,+ na Daniel nyaa anisoadehunu ne adaeɛ nyinaa mu nteaseɛ.+
18 Nna a ɔhene hyɛɛ sɛ wɔmfa wɔn mmra no soeɛ no,+ ahemfie panin no de wɔn baa Nebukadnesar anim. 19 Na ɔhene ne wɔn kasaeɛ, na wɔn nyinaa mu no, wɔanhunu deɛ ɔte sɛ Daniel, Hanania, Misael ne Asaria;+ na wɔgyinaa ɔhene anim+ daa. 20 Nyansa ne nhunumu asɛm biara+ a ɔhene bisaa wɔn no, ɔhunuu sɛ n’ahennie nyinaa mu no, wɔkyɛn akɔmfoɔ+ ne nkonyaayifoɔ+ a wɔwɔ hɔ no nyinaa mprɛ du. 21 Na Daniel tenaa hɔ kɔduruu ɔhene Kores afe a ɛdi kan mu.+