Daniel
1 Yuda hene Yehoiakim+ ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, Babilon hene Nebukadnesar baa Yerusalem, na ɔbɛkaa Yerusalemfoɔ hyɛɛ kuro no mu.+ 2 Berɛ bi akyi no, Yehowa de Yuda hene Yehoiakim hyɛɛ ne nsa,+ na ɔde nokorɛ Nyankopɔn no fie* nneɛma no bi nso hyɛɛ ne nsa, na ɔde kɔɔ ne nyame fie* wɔ Sinar* asaase so.+ Ɔde nneɛma no kɔguu ne nyame adekoradan mu.+
3 Na ɔhene no ka kyerɛɛ n’ahemfie panin Aspenas sɛ ɔmfa Israelfoɔ* no bi mmra, ahemfo asefoɔ ne adehyeɛ nyinaa bi.+ 4 Ná ɛsɛ sɛ wɔyɛ mmabunu* a dɛm biara nni wɔn ho, mmabunu a wɔn ho yɛ fɛ a wɔwɔ nyansa, nimdeɛ, ne nhunumu,+ a wɔbɛtumi asom wɔ ahemfie hɔ. Ɔhene kaa sɛ ɔnkyerɛ wɔn Kaldeafoɔ ntwerɛeɛ ne wɔn kasa. 5 Afei nso, ɔhene kaa sɛ wɔmma wɔn ɔhene nnuane ne ne nsã a ɔnom no bi da biara. Ɔkaa sɛ wɔntete wɔn* mfeɛ mmiɛnsa, na sɛ mfeɛ mmiɛnsa no so a, wɔabɛsom ɔhene.
6 Ná wɔn mu bi firi Yuda abusuakuo* no mu. Wɔn ne: Daniel,*+ Hanania,* Misael,* ne Asaria.*+ 7 Na ahemfie panin no totoo wɔn din;* ɔtoo Daniel din Beltesasar,+ ɔtoo Hanania din Sadrak, ɔtoo Misael din Mesak, na ɔtoo Asaria din Abednego.+
8 Daniel sii pi wɔ n’akomam sɛ ɔremfa ɔhene nnuane anaa ne nsã a ɔnom no ngu ne ho fĩ. Enti ɔsrɛɛ ahemfie panin no sɛ, ɔmpene so mma no na wamfa saa nneɛma no angu ne ho fĩ. 9 Na nokorɛ Nyankopɔn no maa ahemfie panin no yɛɛ Daniel adom,* na ɔhuu no mmɔbɔ.+ 10 Nanso ahemfie panin no ka kyerɛɛ Daniel sɛ: “Mesuro me wura ɔhene a wakyerɛ aduane ne nsã a wɔmfa mma mo no. Sɛ ɔhu sɛ moafonfɔn sene mo atipɛnfoɔ mmabunu* a aka no a, mɛyɛ dɛn? Mobɛma madi fɔ* wɔ ɔhene anim.” 11 Ɛnna Daniel ka kyerɛɛ ɔpanin a ahemfie panin no de no asi Daniel, Hanania, Misael, ne Asaria so no sɛ: 12 “Yɛpa wo kyɛw, sɔ wo nkoa hwɛ nna du, na ma wɔmma yɛn nhabamma* nni na wɔmma yɛn nsuo nnom; 13 ɛno akyi no, hwɛ yɛn na hwɛ mmabunu* a wɔdi ɔhene nnuane no, na sɛdeɛ wobɛhu no no, wo ne wo nkoa nni no saa.”
14 Enti ɔpenee deɛ wɔkaeɛ no so, na ɔsɔɔ wɔn hwɛɛ nna du. 15 Berɛ a nna du no soeɛ no, na wɔn ho ayɛ fɛ, na na wɔwɔ ahoɔden* sene mmabunu* a na wɔdi ɔhene nnuane no nyinaa. 16 Enti daa, na ɔpanin a ɔhwɛ wɔn no yi ɔhene nnuane ne nsã a wɔde ma wɔn no firi hɔ, na na ɔma wɔn nhabamma.* 17 Na nokorɛ Nyankopɔn no maa mmabunu* nnan yi nyaa ntwerɛeɛ* ne nyansa nyinaa mu nimdeɛ ne nhunumu; na ɔmaa Daniel nyaa anisoadehunu ne adaeɛ nyinaa mu nteaseɛ.+
18 Berɛ a ɔhene kaa sɛ wɔmfa wɔn mmra no soe,+ na ahemfie panin no de wɔn baa Nebukadnesar anim. 19 Berɛ a ɔhene ne wɔn kasaeɛ no, nnipa no nyinaa mu no, wanhu obiara a ɔte sɛ Daniel, Hanania, Misael, ne Asaria;+ na wɔtenaa hɔ som ɔhene no. 20 Asɛm a ɛhia nyansa ne nhunumu biara a ɔhene bisaa wɔn no, ɔhuu sɛ wɔn nyansa ne wɔn nhunumu boro akɔmfoɔ ne nkonyaayifoɔ+ a wɔwɔ n’ahennie nyinaa mu no nyinaa deɛ so mprɛ du. 21 Na Daniel tenaa hɔ kɔduruu Ɔhene Kores+ afe a ɛdi kan mu.