-
Daniel 5:11, 12Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
11 Ɔbarima* bi wɔ w’ahennie mu a ɔwɔ anyame kronkron no honhom. Wo papa berɛ so no, wɔhuu sɛ ɔwɔ nimdeɛ ne nhunumu ne nyansa a ɛte sɛ anyame nyansa.+ Wo papa, Ɔhene Nebukadnesar, de no sii akɔmfoɔ, nkonyaayifoɔ, Kaldeafoɔ,* ne nsoromma mu ahwɛfoɔ no so panin.+ Ɔhene, wo papa na ɔyɛɛ no saa. 12 Daniel a ɔhene too ne din Beltesasar no,+ na ɔnim adeɛ paa, na na ɔwɔ nimdeɛ ne nhunumu a wɔde kyerɛ daeɛ ne akasabebuo* ase, nimdeɛ ne nhunumu a wɔde kyerɛkyerɛ nsɛm a emu yɛ den mu.*+ Enti ma wɔnkɔfrɛ Daniel mmra, na ɔbɛkyerɛ aseɛ akyerɛ wo.”
-