12 Yudafoɔ bi wɔ hɔ a woayi wɔn sɛ wɔnhwɛ Babilon mantam no so. Wɔn ne: Sadrak, Mesak ne Abednego.+ Ɔhene, saa mmarima yi mmu wo. Wɔnsom w’anyame, na sika kɔkɔɔ honi a wode asi hɔ no nso, wɔse wɔrensom no.”
28 Ɛnna Nebukadnesar kaa sɛ: “Ayeyie nka Sadrak, Mesak, ne Abednego Nyankopɔn+ a wasoma ne bɔfoɔ ama wabɛgye ne nkoa no. Wɔde wɔn ho too ne so, na wɔantie ɔhene asɛm. Ná wɔayɛ krado sɛ wɔbɛwu* sene sɛ wɔbɛkoto anaa wɔbɛsom onyame bi aka wɔn ankasa Nyankopɔn no ho.+