8 Akyire yi, Daniel baa m’anim, deɛ wɔfrɛ no Beltesasar+ sɛdeɛ me nyame no din teɛ,+ a ɔwɔ anyame kronkron no honhom no,+ na mekaa daeɛ no kyerɛɛ no sɛ:
12 Daniel a ɔhene too ne din Beltesasar no,+ na ɔnim adeɛ paa, na na ɔwɔ nimdeɛ ne nhunumu a wɔde kyerɛ daeɛ ne akasabebuo* ase, nimdeɛ ne nhunumu a wɔde kyerɛkyerɛ nsɛm a emu yɛ den mu.*+ Enti ma wɔnkɔfrɛ Daniel mmra, na ɔbɛkyerɛ aseɛ akyerɛ wo.”