Hiob
2 Anka kyɛfa bɛn na mɛnya afiri Onyankopɔn hɔ afiri soro?+
Na agyapadeɛ bɛn na anka mɛnya afiri adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no hɔ afiri sorosoro?
5 Sɛ me ne mmarima nkontompofoɔ anante,+
Na me nan atutu mmirika kɔ nnaadaasɛm+ mu a,
6 Ɔno na ɔbɛkari me nsania pa mu,+
Na Onyankopɔn na ɔbɛhunu sɛ m’akoma di mu.+
7 Sɛ me nan amane afiri kwan no so,+
Na m’akoma adi m’aniwa akyi,+
Anaasɛ nkekaeɛ bi wɔ me nsam+ a,
8 Ɛnneɛ ma mengu aba, na obi nni,+
Na ma wɔntutu m’asefoɔ ase.
9 Sɛ m’akoma adaadaa me ɔbaa ho,+
Na matɛ+ me yɔnko kwan ano a,
10 Ɛnneɛ ma me yere nyam mma ɔbarima foforɔ,
Na mmarima foforɔ mmu nkotodwe wɔ ne so.+
13 Sɛ manni m’akoa asɛm amma no,
Na mantie m’afenaa, berɛ a wɔne me wɔ asɛm a,
14 Ɛnneɛ sɛ Onyankopɔn sɔre a, ɛdeɛn na mɛyɛ?
Na sɛ ɔbisa me a, asɛm bɛn na mɛnya aka akyerɛ no?+
15 Ɛnyɛ Deɛ ɔyɛɛ me ɔyafunu mu no ara na ɔyɛɛ no?+
Ɛnyɛ Ɔbaako no ara na ɔsiesiee yɛn nyinaa wɔ awotwaa mu?
16 Sɛ mede deɛ abrɛfoɔ pɛ kamee wɔn,+
Na memaa okunafoɔ anidasoɔ yeraeɛ+ a,
17 Sɛ me nko ara na medii m’aduane,
Na mamma agyanka bi anni+ a,
18 (Dabida, mmom mefiri me mmeranteberɛ mu na mahwɛ agyanka sɛ ne papa,
Na mefiri me maame yam na mayɛ okunafoɔ kwankyerɛfoɔ);
19 Sɛ mehunuu obi a atadeɛ a ɔnnie nti ɔrewuo,+
Anaa ohiani a ɔnni deɛ ɔde kata ne ho;
Na wamfa me nnwammaa ho nwi+ anhyɛ ne ho hye;
21 Na sɛ metenee me nsa wɔ agyanka so,+
Berɛ a m’ani tua sɛ ɔhia me mmoa wɔ kuro pono ano+ a,
22 Ɛnneɛ ma me mmatiri nhwan mfiri ne dompe so,
Na m’abasa mmubu mfiri ne dompe so.
23 Ɛfiri sɛ me deɛ, na mesuro amanehunu a ɛfiri Onyankopɔn hɔ,
Na mantumi annyina n’animuonyam anim.+
25 Sɛ medii ahurisie m’agyapadeɛ dodoɔ ho+
Ne nneɛma pii a me nsa kaeɛ+ nti;
26 Sɛ mehunuu awia hann sɛ ɛhyerɛn,
Anaa bosome fɛfɛ sɛ ɛnam ne kwan mu,+
27 Na m’akoma daadaa me wɔ kokoam,+
Na m’ano fee me nsa ho a,
28 Anka ɛno nso bɛyɛ mfomsoɔ a ɛbɛkɔ asɛnnifoɔ anim,
Ɛfiri sɛ anka mapo nokorɛ Nyankopɔn a ɔwɔ soro no.
29 Sɛ medii ahurisie sɛ wɔayi deɛ ɔtan me afiri hɔ,+
Anaa m’ani gyee sɛ asɛmmɔne ato no a—
30 Mmom, mamfa m’ano anyɛ bɔne,
Na mannome ne kra.+
31 Sɛ me ntomadan mu nnipa anka sɛ,
‘Hwan na ɔbɛnya obi a ɔnnii n’aduane mmee?’+ a—
32 Ɔhɔhoɔ biara anna abɔnten anadwo;+
Mebuee m’apono maa akwantufoɔ.
33 Sɛ mekataa me mmarato so sɛ ɔdasani,+
Na mede me mfomsoɔ siee m’atadeɛ kotokuo mu a—
34 Anka mehunu nnipakuo a, mɛbɔ birim,
Na anka mmusua aniwudeɛ bɛhunahuna me
Ama mamua m’ano, na meremfiri adi.
Sɛ anka adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no rehwɛ me nsa ano agyinaeɛ ho ayi me ano ɛ!+
Anaasɛ anka deɛ me ne no anya asɛm no retwerɛ krataa ɛ!
36 Ampa ara, anka mede bɛto me mmatiri;
Anka mede bɛkyekyere me ho sɛ ahemmotire.