30 “Afei deɛ nkurɔfoɔ resere me,+
Nnipa a manyini sene wɔn,+
Wɔn a anka meremfa wɔn agyanom
Nto me nnwankuo nkraman mpo mu.
2 Wɔn nsam tumi no—ɛdeɛn na ɛyɛ maa me?
Ahoɔden biara nni wɔn mu.+
3 Ohia ne kɔm nti wɔatwintwam,
Na kwaweɛ so na wɔdidie,+
Baabi a nnora na ahum ne ɔsɛeɛ wɔ.
4 Nkyenhahan na wɔtetee no wura mu,
Na sisia nnua na ɛyɛɛ wɔn aduane.
5 Wɔpampamoo wɔn firii nnipa mu;+
Nkurɔfoɔ huroo wɔn sɛ korɔmfoɔ.
6 Subɔn nsaneeɛ so na wɔtenatenaeɛ,
Asase ntokuro ne abotan mu.
7 Nnua ntam na wɔteateaa mu;
Nsansono ase na wɔboaboaa wɔn ho ano.
8 Ogyimfoɔ+ mma, ne deɛ ɔnni din mma,
Wɔde mpire apamo wɔn afiri asase no so.
9 Nanso afei deɛ, wɔde me to dwom,+
Na mayɛ asereseredeɛ ama wɔn.+
10 Wɔtan me, wɔatwe wɔn ho afiri me ho kɔ akyirikyiri;+
Na wɔamfa ntasuo nso ankame m’anim.+
11 Onyankopɔn ago m’agyan homa mu na wabrɛ me ase;
Nkurɔfoɔ yi wɔn ano nnareka wɔ me so.
12 Me nifa so, wɔsɔre gyina sɛ ahuhufoɔ asefoɔ;
Wɔgyaa me nan,
Nanso wɔde ɔsɛeɛ ban sisi m’anim.+
13 Wɔadwiri m’akwan;
Hwee nni wɔn ho sɛ amanehunu nko na wɔde ba me soɔ,+
Na wɔanhia obiara mmoa.
14 Wɔba sɛdeɛ wɔnam kwan a ɛtrɛ soɔ;
Ahum mu na wɔfiri tu ba me soɔ.
15 Mpofirem ahudeɛ adane aba me so;
Wɔapamo m’anidie sɛ mframa,
Na me nkwagyeɛ atwam kɔ sɛ mununkum.
16 Seesei deɛ, me kra rehi wɔ me mu;+
Amanehunu nna+ asɔ me mu.
17 Anadwo, me nnompe+ mu tutu me ma ɛhwinhwan,
Na deɛ ɛwe me no nnyae da.+
18 Emu den ma m’atadeɛ sakra;
Ɛkyekyere me sɛ m’atadeɛ kɔn.
19 Wato me atwene dɔteɛ mu,
Enti mayɛ sɛ mfuturo ne nsõ.
20 Mesu frɛ wo sɛ boa me, nanso wonnye me so;+
Masɔre agyina hɔ sɛ tie me.
21 Woadane otirimuɔdenfoɔ ama me;+
Wode wo nsa mu ahoɔden nyinaa anya me ho menasepɔ.
22 Woma me so kyerɛ mframa, na wode me tena so;
Afei wonane me hooyɛ mu.
23 Me deɛ, menim sɛ owuo mu na wobɛsan de me akorɔ,+
Ne efie a ateasefoɔ nyinaa hyia mu.
24 Nanso obi ntene ne nsa nka deɛ asɛe awie yi,+
Na deɛ waporɔ no, obiara nhwehwɛ mmoa mma no n’ahohia mu.
25 Ampa ara, masu ama deɛ ɔwɔ amanehunu mu;+
Me kra adi ohiani ho awerɛhoɔ.+
26 Metwɛnee adepa, nanso bɔne na ɛbaeɛ;+
M’ani daa hann so, nanso kusuuyɛ na ɛbaeɛ.
27 Me nsono huruiɛ na anyɛ komm;
Amanehunu nna hyiaa me.
28 Awerɛhoɔ+ mu na menantee sum mu;
Mesɔree asafo no mu, na mesu hwehwɛɛ boafoɔ.
29 Madane sakraman nua,
Ne sohori mma adamfo.+
30 Me wedeɛ ayɛ tumm,+ na ɛwaewae firi me ho;
Me nnompe awo ama no ayɛ hye.
31 Me sankuten adane awerɛhoɔ,
Na m’abɛn wɔ hɔ ma asufoɔ nne.