Mmebusɛm 14:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Deɛ ɔbu ne yɔnko animtia no yɛ bɔne,+ na anigyeɛ ne deɛ ɔdom mmɔborɔni.+ Mmebusɛm 14:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Deɛ ɔsisi ɔbrɛfoɔ no bɔ ne Bɔfoɔ ahohora,+ na deɛ ɔdom ohiani no hyɛ No animuonyam.+ Mmebusɛm 19:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Deɛ ɔdom ɔbrɛfoɔ no de fɛm Yehowa,+ na deɛ ɔde ama no, Ɔbɛtua no ka.+