25 Mesrɛ wo, mma me wura mmfa n’akoma nnkɔ ɔbarima huhuni+ Nabal yi so, na sɛdeɛ ne din teɛ no saa na ɔteɛ. Ne din de Nabal, na agyimisɛm ne no na ɛteɛ.+ W’afenaa deɛ, manhunu me wura mmarima a wosomaa wɔn no.
6 Na ogyimfoɔ de n’ano bɛka agyimisɛm+ na ɔde n’akoma asusu bɔne+ sɛ ɔbɛte atua*+ na waka nsɛmmɔne atia Yehowa, sɛ ɔbɛma ɔkra a ɛkɔm de no yafunu ada mpan+ na wama nsuo abɔ deɛ sukɔm de no.