29 Ɛnna Hiob san toaa n’akasabebuo no so sɛ:
2 “O sɛ anka mete sɛdeɛ na meteɛ kane abosome no ɛ,+
Nna a na Onyankopɔn hwɛ me soɔ no;+
3 Berɛ a ɔmaa ne kanea hyerɛn me tiri soɔ,
Na mede ne hann nantee sum mu no;+
4 Sɛdeɛ na meteɛ, me mmabunberɛ mu,+
Na Onyankopɔn ayɔnkofa wɔ me ntomadan mu no;+
5 Berɛ a na adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no ka me ho,
Na m’asomfoɔ nyinaa atwa me ho ahyia no!
6 Berɛ a metutuu m’anammɔn wɔ sradeɛ mu,
Na ngo sene firii abotan mu sɛ asubɔnten maa me no;+
7 Berɛ a mekɔɔ kuro pono ho,+
Na mede m’adwa sii abɔnten no!+
8 Mmarimaa hunuu me, na wɔde wɔn ho huntaeɛ;
Nkɔkoraa mpo sɔre gyinaa hɔ.+
9 Akunini nso gyaee kasa,
Na wɔde wɔn nsa too wɔn ano.+
10 Akannifoɔ nne huntaeɛ,
Na wɔn kɛtrɛma femfam wɔn dodom.+
11 Aso mpo teeɛ, na ɛfrɛɛ me anigyeɛ,
Na ani nso hunuiɛ, na ɛdii me ho adanseɛ.
12 Ɛfiri sɛ megyee mmɔborɔni a ɔsu frɛ ɔboafoɔ,+
Ne agyanka ne deɛ ɔnni boafoɔ.+
13 Deɛ ɔreyɛ awuo nhyira+—me so na ɛbaeɛ,
Na memaa okunafoɔ akoma ani gyeeɛ.+
14 Mefiraa tenenee, na ɛkataa me ho.+
Ná m’atemmuo te sɛ atadeɛ ngugusoɔ ne abotire.
15 Mebɛyɛɛ aniwa maa onifirani;+
Na meyɛɛ apakye nso nan.
16 Meyɛɛ ahiafoɔ agya;+
Na deɛ mennim no no asɛm—mehwehwɛɛ mu.+
17 Mebubuu ɔbɔnefoɔ apantan,+
Na megyee mmɔborɔni firii ne sẽ ntam.
18 Ná meka sɛ, ‘Me pirebuo mu na mɛgyaa mu,+
Na me nna bɛdɔɔso sɛ anwea.+
19 Me nhini mu abue ama nsuo,+
Na bosuo nso atena me mman so anadwo.
20 M’animuonyam yɛ foforɔ,
Na agyan a ɛwɔ me nsam no, mɛto no ntoatoasoɔ.’
21 Me na wɔtiee me; wɔtwɛnee me,
Na wɔyɛɛ komm maa m’afotuo.+
22 M’ano si a, wɔnkasa bio,
Me nsɛm sosɔ guu wɔn so.+
23 Ná wɔtwɛn me sɛdeɛ wɔtwɛn osuo,+
Na wɔbuee wɔn anom maa nsutɔ.+
24 Mesere kyerɛɛ wɔn, na wɔannye anni,
Na m’anim a ɛteɛ no,+ wɔammu no animtia.
25 Meyii kwan maa wɔn, na metenaa ase sɛ otitire;
Metenaa ase sɛ ɔhene a ɔwɔ n’asraafoɔ mu,+
Meyɛɛ ɔwerɛkyekyefoɔ maa wɔn a wɔdi awerɛhoɔ.+