Hiob
Enti ɛbɛyɛ dɛn na mahwɛ ababaawa* hwɛ bɔne?+
2 Ɛdeɛn na anka mɛnya afiri Onyankopɔn a ɔwɔ soro no hɔ?
Na agyapadeɛ bɛn na anka mɛnya afiri adeɛ nyinaa so Tumfoɔ a ɔwɔ sorosoro no hɔ?
5 Mohwɛ a, manante nkontompo mu da?*
Na me nan atu mmirika akɔdaadaa obi da?+
7 Sɛ me nan amane afiri ɛkwan no so,+
Na m’akoma adi m’ani akyi,+
Na me nsa ho agu fĩ a,
8 Ɛnneɛ ma mengu aba, na obi foforɔ nni,+
Na deɛ madua no, ma nkurɔfoɔ ntutu.*
9 Sɛ m’akoma adaadaa me wɔ ɔbaa foforɔ ho,+
Na makɔtɛ+ me yɔnko pono ano a,
12 Anka ɛbɛyɛ egya a ɛbɛhye biribiara asɛe no;*+
Anka ɛbɛhye me nnɔbaeɛ nyinaa nhini mpo.*
13 Sɛ mamma atɛntenenee anyɛ adwuma amma me nkoa anaa me mfenaa
Berɛ a wɔne me wɔ asɛm a,*
Na sɛ ɔbisa me a, asɛm bɛn na mɛka akyerɛ no?+
15 Deɛ ɔyɛɛ me wɔ yafunu mu no, ɛnyɛ Ɔno ara na ɔyɛɛ wɔn nso anaa?+
Ɛnyɛ Ɔno ara nso na ɔnwenee yɛn ansa na wɔrewo yɛn?*+
16 Sɛ mamfa deɛ ahiafoɔ pɛ amma wɔn,+
Na sɛ memaa akunafoɔ anidasoɔ sae,*+
17 Sɛ me nko ara na medii m’aduane,
Na mamma nnyanka bi anni;+
18 (Ɛfiri sɛ ɛfiri me mmeranteberɛm nyinaa, agyanka* faa me sɛ ne papa,
19 Sɛ mehuu obi a ataadeɛ a ɔnni nti ɔrewuo,
Anaa ohiani a ɔnni deɛ ɔde kata ne ho,+
20 Sɛ mamma no me nnwan ho nwi amma ne ho anyɛ no hye
21 Na sɛ mepomaa twɛdeɛ kyerɛɛ agyanka so,+
Berɛ a ɔhia me mmoa wɔ kuro pono ano a,*+
22 Ɛnneɛ ma me nsa nhwan mfiri m’abati,*
Na m’abasa mmu mfiri m’abatwɛ.*
23 Ɛfiri sɛ na mesuro amanehunu a ɛfiri Onyankopɔn hɔ,
Na mantumi annyina n’animuonyam anim.
24 Sɛ mede me werɛ hyɛɛ sika kɔkɔɔ mu,
Anaa meka kyerɛɛ sika kɔkɔɔ amapa sɛ, ‘Wo na mede me ho ato wo so!’+
25 Sɛ ahonyadeɛ bebree a menyaeɛ nti,+
M’agyapadeɛ dodoɔ no maa m’ani gyeeɛ,+
26 Sɛ mehunuu awia* a ɛrehyerɛn,
Anaa bosome a ɛnam n’animuonyam mu,+
27 Ɛnna m’akoma daadaa me wɔ kokoam
Maa m’ano fee me nsa ho de som wɔn a,+
28 Anka ɛno bɛyɛ mfomsoɔ a atemmufoɔ no bɛtwe m’aso wɔ ho,
Ɛfiri sɛ anka mapo nokorɛ Nyankopɔn a ɔwɔ soro no.
31 Wontee sɛ nnipa a ɛwɔ me ntomadan mu rebisa sɛ,
33 Mohwɛ a, mayɛ sɛ mɛkata me mmarato so pɛn, sɛdeɛ mmarima a aka no yɛ no?+
Na mede me mfomsoɔ asie m’ataadeɛ kotokuo mu anaa?
34 Mohwɛ a, mesuro deɛ nnipadɔm bɛyɛ?
Anaa mesuro sɛ mmusua a aka no bɛgu m’anim ase
Ama maka m’ano atom na masuro sɛ mɛpue akɔ abɔnten?
35 Menyae a anka obi retie me!+
Anka asɛm a maka no, mede me nsa bɛhyɛ aseɛ.*
Ma adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no nyi me ano!+
Menyae a anka deɛ ɔrebɔ me soboɔ no atwerɛ ne soboɔ no wɔ nwoma mu!
36 Anka mede bɛto m’abati,
Na mede ahyɛ me ti sɛ ahenkyɛ.
37 Anka mɛkan anammɔn biara a mɛtuo akyerɛ no,
Na mede akokoɔduro akɔ n’anim sɛ ɔberempɔn.
38 Sɛ me ara m’asaase su guu me so,
Na ɛne ne nkofie nyinaa boom sui,
39 Sɛ medii so aba a mantua ka,+
Anaa memaa ne wuranom* abam buiɛ a,+
40 Ɛnneɛ ma nkasɛɛ-nkasɛɛ mfifi nsi hwiit ananmu mma me,
Na wura kankan mfifi nsi baali* anan.”
Ɛha na Hiob asɛm no sie.