3 Ɛnna Yehowa bisaa Satan sɛ: “Woadwene m’akoa Hiob ho anaa? Obiara nte sɛ ɔno wɔ asaase so. Ɔyɛ onipa a ɔtene a n’abrabɔ di mu,+ ɔsuro Onyankopɔn, na ɔtwe ne ho firi bɔne ho. Woregyegye me sɛ mensɛe+ no kwa, nanso ne nyinaa akyi, ɔda so ara bɔ bra a ɛdi mu.”+