Hiob
2 Ɛno akyi no, ɛbaa sɛ da bi, nokorɛ Nyankopɔn mma*+ no bɛgyinagyinaa Yehowa anim,+ na Satan nso fraa wɔn mu bae, na ɔbɛgyinaa Yehowa anim bi.+
2 Ɛnna Yehowa bisaa Satan sɛ: “Ɛhe na wofiri reba?” Satan buaa Yehowa sɛ: “Mefiri asaase so akyinkyinakyinkyini ne ɛso ananteananteɛ na mereba.”+ 3 Ɛnna Yehowa bisaa Satan sɛ: “Woadwene m’akoa Hiob ho* anaa? Obiara nte sɛ ɔno wɔ asaase so. Ɔyɛ onipa a ɔtene* a n’abrabɔ di mu,+ ɔsuro Onyankopɔn, na ɔtwe ne ho firi bɔne ho. Woregyegye me sɛ mensɛe*+ no kwa, nanso ne nyinaa akyi, ɔda so ara bɔ bra a ɛdi mu.”+ 4 Ɛnna Satan ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Wɔde wedeɛ na ɛpere wedeɛ. Deɛ onipa wɔ nyinaa, ɔde bɛma de apere ne nkwa.* 5 Wopɛ a, tene wo nsa ka ne dompe ne ne honam, na hwɛ sɛ ɔrennyina w’anim nnome wo anaa.”+
6 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Satan sɛ: “Hwɛ! Ɔhyɛ wo nsa! Na ne nkwa* deɛ, mfa wo nsa nka!” 7 Enti Satan firii Yehowa anim kɔe, na ɔde mpɔmpɔ yayaaya bi kɔbobɔɔ* Hiob+ firii ne nan ase kɔsii n’apampam. 8 Na Hiob faa kukuo sini* bi a ɔde bɛtiti ne ho; na ɔtenaa nsõ mu.+
9 Ɛnna ne yere ka kyerɛɛ no sɛ: “Woda so ara di Onyankopɔn akyi?* Dome Onyankopɔn na wu!” 10 Na Hiob ka kyerɛɛ no sɛ: “Wokasa te sɛ mmaa a wɔnnim nyansa no. Sɛ nokorɛ Nyankopɔn no ma yɛn nneɛma pa a, yɛgye, na sɛ ɔma yɛn nneɛma bɔne a, ɛnsɛ sɛ yɛgye anaa?”+ Wei nyinaa mu no, Hiob anka asɛmmɔne biara.*+
11 Hiob nnamfo* mmiɛnsa tee amanehunu a aba ne so nyinaa, na wɔn mu biara firi baabi a ɔwɔ bae. Wɔn ne: Elifas+ a ɔfiri Teman, Bildad+ a ɔfiri Suha,+ ne Sofar+ a ɔfiri Naama. Wɔyɛɛ nhyehyɛeɛ hyiaam sɛ wɔrekɔma Hiob hyɛden, na wɔakyekye ne werɛ. 12 Berɛ a wɔwɔ akyirikyiri a wɔhuu no no, wɔanhu no. Na wɔfirii aseɛ suu dendeenden, na wɔsuan wɔn ntaadeɛ mu, na wɔtoo mfuturo kɔɔ soro maa ɛbɛguu wɔn tirim.+ 13 Na wɔne no tenatenaa fam nnanson, awia ne anadwo. Obiara anka hwee ankyerɛ no, ɛfiri sɛ wɔhuu sɛ ɛyea a ɔrefa mu no, na ano yɛ den yie.+