-
Hiob 1:6-8Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
6 Ɛbaa sɛ da bi, nokorɛ Nyankopɔn mma*+ no bɛgyinagyinaa Yehowa anim,+ na Satan+ nso fraa wɔn mu baa bi.+
7 Ɛnna Yehowa bisaa Satan sɛ: “Ɛhe na wofiri reba?” Satan buaa Yehowa sɛ: “Mefiri asaase so akyinkyinakyinkyini ne ɛso ananteananteɛ na mereba.”+ 8 Ɛnna Yehowa bisaa Satan sɛ: “Woadwene m’akoa Hiob ho* anaa? Obiara nte sɛ ɔno wɔ asaase so. Ɔyɛ onipa a ɔtene* a n’abrabɔ di mu,+ ɔsuro Onyankopɔn, na ɔtwe ne ho firi bɔne ho.”
-