Hiob
1 Ɔbarima bi tenaa Us asaase so a wɔfrɛ no Hiob.*+ Ná ɔyɛ onipa a ɔtene* a n’abrabɔ di mu,+ ɔsuro Onyankopɔn, na ɔtwe ne ho firi bɔne ho.+ 2 Ɔwoo mma mmarima nson ne mma mmaa mmiɛnsa. 3 Ná ne nyɛmmoa yɛ nnwan 7,000, yoma 3,000, anantwie 1,000,* mfunumu* 500, ne nkoa bebree paa. Enti ɔbɛyɛɛ onipa titire senee nnipa a ɛwɔ Apueeɛ fam nyinaa.
4 Ná ne mma mmarima no biara to pono wɔ ɔno ara ne fie; obiara wɔ ne da. Sɛ da no duru hɔ a, wɔfrɛ wɔn nua mmaa mmiɛnsa no ma wɔne wɔn bɛdidi nom. 5 Sɛ wɔn nyinaa to pono na ɛkɔ bɛsi a, Hiob soma ma wɔkɔfrɛ wɔn ba sɛ ɔrebɛte* wɔn ho. Ná Hiob sɔre anɔpatutuutu bɔ ɔhyeɛ afɔreɛ+ ma wɔn mu biara, ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: “Ebia na me mma no ayɛ bɔne, na wɔadome Onyankopɔn wɔ wɔn akoma mu.” Saa na na Hiob yɛ daa.+
6 Ɛbaa sɛ da bi, nokorɛ Nyankopɔn mma*+ no bɛgyinagyinaa Yehowa anim,+ na Satan+ nso fraa wɔn mu baa bi.+
7 Ɛnna Yehowa bisaa Satan sɛ: “Ɛhe na wofiri reba?” Satan buaa Yehowa sɛ: “Mefiri asaase so akyinkyinakyinkyini ne ɛso ananteananteɛ na mereba.”+ 8 Ɛnna Yehowa bisaa Satan sɛ: “Woadwene m’akoa Hiob ho* anaa? Obiara nte sɛ ɔno wɔ asaase so. Ɔyɛ onipa a ɔtene* a n’abrabɔ di mu,+ ɔsuro Onyankopɔn, na ɔtwe ne ho firi bɔne ho.” 9 Ɛnna Satan buaa Yehowa sɛ: “Wogye di sɛ Hiob suro Onyankopɔn kwa?+ 10 Ɛnyɛ wo na woabɔ ɔno ne ne fie ne deɛ ɔwɔ nyinaa ho ban ahyia?+ Woahyira ne nsa ano adwuma so,+ na ne nyɛmmoa nso, wɔn ase atrɛ asaase so. 11 Wopɛ a, tene wo nsa ka deɛ ɔwɔ nyinaa, na hwɛ sɛ ɔrennyina w’anim nnome wo anaa.” 12 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Satan sɛ: “Hwɛ! Deɛ ɔwɔ biara hyɛ wo nsa. Ɔno ankasa deɛ, mfa wo nsa nka no!” Enti Satan firii Yehowa anim kɔe.+
13 Ɛbaa sɛ da bi, na Hiob mma mmarima ne ne mma mmaa no redidi, na na wɔrenom nsã wɔ wɔn nua panin no fie.+ 14 Ɛnna obi baa Hiob nkyɛn bɛkaa sɛ: “Berɛ a anantwie no refuntum asaase no a mfunumu no redidi wɔ wɔn nkyɛn no, 15 Sabafoɔ bɛto hyɛɛ wɔn so faa wɔn kɔe, na asomfoɔ no nso, wɔde sekan kunkum wɔn. Me nko ara na matumi adwane afiri mu aba sɛ merebɛka akyerɛ wo.”
16 Berɛ a ɔgu so rekasa no, obi foforɔ ba bɛkaa sɛ: “Onyankopɔn gya* firi soro abɛtɔ nnwan no mu ahye wɔne asomfoɔ no nyinaa! Me nko ara na matumi adwane afiri mu aba sɛ merebɛka akyerɛ wo.”
17 Berɛ a ɔno nso gu so rekasa no, obi foforɔ nso ba bɛkaa sɛ: “Kaldeafoɔ+ akyɛ wɔn mu akuo mmiɛnsa abɛto ahyɛ yoma no so afa wɔn kɔ, na asomfoɔ no nso, wɔde sekan akunkum wɔn. Me nko ara na matumi adwane afiri mu aba sɛ merebɛka akyerɛ wo.”
18 Berɛ a ɔno nso gu so rekasa no, obi foforɔ nso san ba bɛkaa sɛ: “Ná wo mma mmarima ne wo mma mmaa no redidi, na na wɔrenom nsã wɔ wɔn nua panin no fie. 19 Prɛko pɛ, mframa kɛseɛ bi bɔ firii serɛ so bɛbɔɔ efie no ntwea nnan no, na ɛdwiri guu wo mma no so kunkum wɔn. Me nko ara na matumi adwane afiri mu aba sɛ merebɛka akyerɛ wo.”
20 Ɛnna Hiob sɔreeɛ, na ɔsuan n’ataadeɛ mu, na ɔtwitwaa ne tiri nwi. Afei ɔbɔɔ ne mu ase, na ɔde n’anim butuu fam, 21 na ɔkaa sɛ:
Yehowa na ɔde maeɛ,+ Yehowa na wagyeɛ.
Ayeyie nka Yehowa din daa.”
22 Wei nyinaa mu no, Hiob anyɛ bɔne, na wammɔ Onyankopɔn soboɔ sɛ wayɛ ade bɔne.*