-
Genesis 12:7, 8Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
7 Afei Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Abram na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “W’asefoɔ*+ na mede asaase yi bɛma wɔn.”+ Enti ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ maa Yehowa a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ no no. 8 Akyire yi, ɔtu firii hɔ kɔɔ Betel+ apueeɛ fam bepɔ so, na ɔsii ne ntomadan wɔ hɔ. Ná Betel wɔ ne benkum so na Ai+ nso wɔ ne nifa so. Ɔsii afɔrebukyia maa Yehowa,+ na ɔfirii aseɛ bɔɔ Yehowa din frɛɛ no wɔ hɔ.+
-