Genesis 3:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 W’anim fifire mu na wobɛdidi* kɔsi sɛ wobɛsan akɔ dɔteɛ mu, ɛfiri sɛ emu na wɔyii wo firiiɛ.+ Woyɛ dɔteɛ na dɔteɛ mu na wobɛsan akɔ.”+ Dwom 49:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Ɛfiri sɛ ɔwu a, ɔrentumi mfa hwee nkɔ;+N’animuonyam renni n’akyi.+ Ɔsɛnkafoɔ 5:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Sɛdeɛ onipa de adagya firi ne maame yam baeɛ no, saa ara na ɔbɛsan akɔ.+ Na ɔrentumi mfa adwuma a ɔbrɛ yɛeɛ no mu biribiara nkura nkɔ.+ Ɔsɛnkafoɔ 12:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Ɛno na dɔteɛ san kɔ asaase mu+ sɛdeɛ na ɛteɛ kane no, na honhom* no asan akɔ nokorɛ Nyankopɔn a ɔde maeɛ no nkyɛn.+ 1 Timoteo 6:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Ɛfiri sɛ yɛamfa hwee amma wiase, na yɛrentumi nso mfa hwee mfiri mu nkɔ.+
19 W’anim fifire mu na wobɛdidi* kɔsi sɛ wobɛsan akɔ dɔteɛ mu, ɛfiri sɛ emu na wɔyii wo firiiɛ.+ Woyɛ dɔteɛ na dɔteɛ mu na wobɛsan akɔ.”+
15 Sɛdeɛ onipa de adagya firi ne maame yam baeɛ no, saa ara na ɔbɛsan akɔ.+ Na ɔrentumi mfa adwuma a ɔbrɛ yɛeɛ no mu biribiara nkura nkɔ.+
7 Ɛno na dɔteɛ san kɔ asaase mu+ sɛdeɛ na ɛteɛ kane no, na honhom* no asan akɔ nokorɛ Nyankopɔn a ɔde maeɛ no nkyɛn.+