Hiob
1 Ɔbarima bi tenaa Us+ asase so a wɔfrɛ no Hiob;+ ná ɔyɛ onipa a ne ho nni asɛm,+ na ɔtene;+ ná ɔsuro Nyankopɔn,+ na ɔtwe ne ho firi bɔne ho.+ 2 Wɔwoo mma mmarima nson ne mma mmaa mmiɛnsa maa no.+ 3 Ná ne nyɛmmoa+ yɛ nnwan mpemnson, yoma mpem mmiɛnsa, anantwie mpamho ahanum, mfunumu abereɛ ahanum ne nkoa bebree pa; ná barima no sene Apueeɛ Famfoɔ+ nyinaa.
4 Ná ne mma mmarima no to pono+ wɔ baako fie, obiara wɔ ne da, na wɔsoma ma wɔkɔfrɛ wɔn nua mmaa mmiɛnsa no ma wɔne wɔn bɛdidi nom. 5 Sɛ apontoɔ nna no kɔ bɛsi a, Hiob de nkra kɔ ma wɔdwira wɔn ho,+ na ɔsɔre anɔpatutuutu kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ+ sɛdeɛ wɔn nyinaa dodoɔ teɛ, ɛfiri sɛ Hiob kaa sɛ, “ebia na me mma mmarima no ayɛ bɔne, na wɔadome+ Onyankopɔn wɔn akoma mu.”+ Saa na na Hiob yɛ no daa.+
6 Ɛbaa sɛ da bi, nokorɛ Nyankopɔn+ mma no bɛgyinagyinaa Yehowa anim,+ na Satan+ nso fraa wɔn mu baa bi.+
7 Ɛnna Yehowa bisaa Satan sɛ: “Ɛhe na wofiri baeɛ?” Satan buaa Yehowa sɛ: “Mefiri asase so akyinkyinakyinkyini+ ne ɛso ananteananteɛ+ na ɛreba.” 8 Ɛnna Yehowa bisaa Satan bio sɛ: “Woadwene m’akoa Hiob ho anaa? Obiara nte sɛ ɔno asase so,+ onipa a ne ho nni asɛm+ na ɔtene,+ ɔsuro Nyankopɔn+ na ɔtwe ne ho firi bɔne ho.”+ 9 Ɛnna Satan buaa Yehowa sɛ: “Wogye di sɛ Hiob suro Nyankopɔn kwa?+ 10 Ɛnyɛ wo na woabɔ ɔno ne ne fie ne deɛ ɔwɔ nyinaa ho ban ahyia?+ Woahyira ne nsa ano adwuma so,+ na ne nyɛmmoa nso, wɔn ase atrɛ asase so. 11 Afei wopɛ a, fa wo nsa ka deɛ ɔwɔ nyinaa, na hwɛ sɛ ɔrennyina w’anim nnome wo anaa.”+ 12 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Satan sɛ: “Hwɛ! Biribiara a ɔwɔ hyɛ wo nsa. Ɔno ara deɛ, mfa wo nsa nka no!” Ɛnna Satan firii Yehowa anim kɔeɛ.+
13 Ɛbaa sɛ da bi, na ne mma mmarima ne ne mma mmaa no redidi na wɔrenom nsã wɔ wɔn nua panin fie.+ 14 Ɛnna ɔbɔfoɔ+ baa Hiob nkyɛn bɛkaa sɛ: “Berɛ a anantwie no refɛntɛm+ a mfunumu abereɛ no redidi wɔ wɔn nkyɛn no, 15 Sabafoɔ+ bɛto hyɛɛ wɔn so faa wɔn kɔeɛ, na asomfoɔ no nso, wɔde nkrantɛ akunkum wɔn; me nko ara na matumi adwane afiri mu, na maba sɛ merebɛka akyerɛ wo.”+
16 Berɛ a ɔgu so rekasa no, ɔfoforɔ ba bɛkaa sɛ: “Onyankopɔn gya firi soro+ abɛtɔ nnwan no mu ahye wɔne asomfoɔ no; me nko ara na matumi adwane afiri mu, na maba sɛ merebɛka akyerɛ wo.”
17 Berɛ a ɔno nso gu so rekasa no, ɔfoforɔ ba bɛkaa sɛ: “Kaldeafoɔ+ akyɛ wɔn mu akuo mmiɛnsa abɛto ahyɛ yoma no so afa wɔn kɔ, na asomfoɔ no nso, wɔde nkrantɛ akunkum wɔn; me nko ara na matumi adwane afiri mu, na maba sɛ merebɛka akyerɛ wo.”
18 Berɛ a oyi nso gu so rekasa no, obi foforɔ nso ba bɛkaa sɛ: “Ná wo mma mmarima ne wo mma mmaa no redidi na wɔrenom nsã+ wɔ wɔn nua panin no fie. 19 Na hwɛ! mframa+ kɛseɛ bi bɔ firii serɛ so bɛbɔɔ fie no ntwea nnan no, na abubu agu wo mma no so akunkum wɔn. Me nko ara na matumi adwane afiri mu, na maba sɛ merebɛka akyerɛ wo.”
20 Ɛnna Hiob sɔre suanee+ n’atadeɛ ngugusoɔ mu, na ɔtwitwaa ne nwi+ firii ne tiri so; ɔbɔɔ ne mu ase,+ na ɔbutuu fam,+ 21 na ɔkaa sɛ:
“Adagya na mede firi me maame yam baeɛ,+
Na adagya na mɛsan de akorɔ.+
Yehowa na ɔde maeɛ,+ Yehowa na agyeɛ.+
Nhyira nka Yehowa din daa.”+
22 Yei nyinaa mu no, Hiob anyɛ bɔne, na wanka asɛmmɔne biara antia Onyankopɔn.+