Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Genesis 26:12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 Akyire yi Isak yɛɛ afuo wɔ asase no so,+ na saa afe no ɔnyaa nnɔbaeɛ mmɔho ɔha,+ ɛfiri sɛ na Yehowa ahyira no.+

  • Deuteronomium 28:2
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 2 Woyɛ aso ma Yehowa wo Nyankopɔn asɛm a, nhyira yi nyinaa bɛba wo so na abunkam wo so:+

  • Dwom 5:12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 O Yehowa, wo na wobɛhyira obiara a ɔyɛ adetenenee;+

      Wode anisɔ bɛgye ne ho ban ahyia+ sɛ kyɛm+ kɛseɛ.

  • Dwom 84:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Yehowa Nyankopɔn yɛ awia+ ne kyɛm;+

      Adom ne animuonyam na ɔde ma.+

      Yehowa deɛ, ɔremfa adepa biara nkame wɔn a wɔnante teeyɛ mu no.+

  • Dwom 128:2
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  2 Ɛfiri sɛ wobɛdi wo nsa ano adwuma.+

      W’ani bɛgye, na ɛbɛsi wo yie.+

  • Mmebusɛm 10:22
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 22 Yehowa nhyira—ɛno na ɛma onipa yɛ ɔdefoɔ,+ na ɔmfa yea biara nka ho.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane